Sakaria
13 “Saa da no,+ wɔbɛtu abura+ bi ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ na wɔde adwira wɔn ho afiri bɔne+ ne abofonodeɛ+ nyinaa ho.
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm nie, “mɛtwa ahoni din afiri asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na mɛyi adiyifoɔ+ ne honhom fĩ nyinaa nso afiri asase no so.+ 3 Na sɛ ɔbarima bi hyɛ nkɔm bio a, ne papa ne ne maame a wɔwoo no nka nkyerɛ no sɛ, ‘Wobɛwu ɛfiri sɛ wode Yehowa din aka atosɛm.’ Nkɔm a wahyɛ nti, ne papa ne ne maame a wɔwoo no mfa adeɛ nhwire ne mu.+
4 “Saa da no, adiyifoɔ no ani bɛwu+ wɔn anisoadehunu ne wɔn nkɔmhyɛ ho. Na wɔrenhyɛ nwi+ atadeɛ mfa nnaadaa nnipa bio. 5 Na ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ obi a ɔdɔ, na ɔdasani atɔ me firi me mmɔfraase.’ 6 Na obi bɛbisa no sɛ, ‘Wo nsa ho akuro yi nso ɛ?’ Na ɔbɛbua sɛ, ‘M’adɔfo fie na wɔpiraa me saa.’”
7 “O nkrantɛ, sɔre bra me dwanhwɛfoɔ+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no+ na nnwan no mmɔ nhwete,+ na mɛdane me nsa aba nkumaa+ no so.”
8 Deɛ asafo Yehowa aka nie: “Saa berɛ no wɔbɛtwa asase no sofoɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu afiri so ama wɔawuwu,+ na ɛbɛka nkyɛmu mmiɛnsa mu baako.+ 9 Na mede baako a aka no bɛfa gya mu;+ na mɛnane wɔn ayiyi wɔn mu fĩ sɛdeɛ wɔnane dwetɛ yiyi mu fĩ no,+ na mɛsɔ wɔn ahwɛ sɛdeɛ wɔsɔ sika kɔkɔɔ hwɛ no.+ Na wɔbɛbɔ me din na me nso magye wɔn so.+ Na mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me man’+ na wɔn nso aka sɛ, ‘Yehowa ne yɛn Nyankopɔn.’”+