Marko
12 Afei nso, ɔfirii aseɛ de mfatoho kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo+ gyee ho ban, na ɔtuu nsã-kyi-amena wom too aban+ na ɔde gyaa akuafoɔ,+ na ɔtuu kwan.+ 2 Na berɛ duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobeturo no mu aba no bi mfiri akuafoɔ no nkyɛn.+ 3 Nanso wɔkyee no hwee no pamoo no maa ɔde nsapan kɔeɛ.+ 4 Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔde adeɛ bɔɔ ne tirim guu n’anim ase.+ 5 Na ɔsomaa foforɔ, na ɔno deɛ wɔkum no; ne afoforɔ pii nso, na wɔhwee wɔn mu binom kunkum ebinom. 6 Na aka onipa baako, ɔba a ɔdɔ no.+ Ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn deɛ ɛtwa toɔ kaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’+ 7 Nanso akuafoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifoɔ no.+ Mommra mma yɛnku no na agyapadeɛ no mmɛyɛ yɛn dea.’+ 8 Enti wɔkyee no kum no,+ na wɔtoo no twenee bobeturo no akyi.+ 9 Ɛdeɛn na bobeturo wura no bɛyɛ? Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ no na ɔde bobeturo+ no ama nnipa foforɔ.+ 10 Monkenkanee twerɛsɛm yi da anaa, ‘Ɛboɔ+ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ tweatiboɔ.+ 11 Yehowa hɔ na yei fire, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’?”+
12 Ɛno nti wɔfirii aseɛ hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so akye no, nanso na wɔsuro nnipakuo no, na wɔhunuu sɛ wɔn nti na ɔyɛɛ mfatoho no. Enti wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.+
13 Afei wɔsomaa ebinom firii Farisifoɔ ne Herode akyidifoɔ+ mu kɔɔ ne nkyɛn, na wɔafa ne nsɛm a ɔka so anya no.+ 14 Yeinom kɔduruiɛ no wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woka nokorɛ na wonsuro obiara, ɛfiri sɛ wonhwɛ nnipa anim, mmom wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu:+ Mmara ma kwan sɛ wɔtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan? 15 Yɛntua anaasɛ yɛnntua?”+ Ɔhunuu wɔn nyaatwom no ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa denare no bi mmrɛ me mma menhwɛ.”+ 16 Wɔde baako baeɛ. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwan mfonini ne ne ntwerɛdeɛ nie?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kaesare dea.”+ 17 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Montua Kaesare deɛ mma Kaesare,+ na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”+ Na ne ho firii aseɛ yɛɛ wɔn nwanwa.+
18 Afei Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no baa ne nkyɛn, na wɔfirii aseɛ bisaa no sɛ:+ 19 “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ, sɛ obi nua wu na ɔgya ɔyere wɔ akyire na ɔnni ba a, ne nua+ nware ne yere no na ɔne no nwo mma ne nua no.+ 20 Ná anuanom nson bi wɔ hɔ; deɛ ɔdi kan no wareeɛ, nanso berɛ a ɔwuiɛ no wannya ɔba biara wɔ n’akyi.+ 21 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no waree ɔbaa no, na ɔwuiɛ a wannya ɔba wɔ n’akyi; na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso saa ara. 22 Na nnipa nson no annya ɔba biara wɔn akyi. Awieeɛ koraa no, ɔbaa no nso wuiɛ.+ 23 Owusɔreɛ mu no, wɔn mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ nson no nyinaa waree no.”+ 24 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ yei nti na moredi mfomsoɔ, ɛsiane Twerɛnsɛm anaa Onyankopɔn tumi a monnim nti?+ 25 Sɛ wɔsɔre firi awufoɔ mu a, mmarima renware na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro.+ 26 Na awufoɔ ne nyane a wɔnyane wɔn no ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma no mu wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’?+ 27 Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ. Modi mfomsoɔ pii.”+
28 Ɛnna atwerɛfoɔ no baako a ɔbaa hɔ bɛtee sɛ wɔredi anobaabaeɛ no hunuu sɛ wabua wɔn nsɛm no yie no, ɔbisaa no sɛ: “Mmara no mu deɛ ɛwɔ he na ɛdi kan?”+ 29 Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro,+ 30 na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’+ 31 Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’+ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sene yeinom.” 32 Ɔtwerɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛ woaka no yɛ nokorɛ turodoo, ‘Ɔyɛ Koro, na obiara nni hɔ sɛ Ɔno’;+ 33 na obi akoma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa a ɔde bɛdɔ no, na wadɔ ne yɔnko sɛ ne ho no som bo koraa sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔ nyinaa.”+ 34 Afei berɛ a Yesu hunuu sɛ wabua no nyansa mu no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn ahennie ntam kwan nware.” Na obiara annya akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.+
35 Nanso berɛ a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ a ɔrema mmuaeɛ no, ɔtoaa so kaa sɛ: “Adɛn nti na atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?+ 36 Honhom kronkron+ maa Dawid no ara kaa sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase.”’+ 37 Dawid no ara frɛɛ no ‘Owura’; ɛnneɛ ɛyɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”+
Ná nnipakuo kɛseɛ no retie no anigyeɛ so.+ 38 Na ɔtoaa so kaa no wɔ ne nkyerɛkyerɛ no mu sɛ: “Monhwɛ yie wɔ atwerɛfoɔ+ a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ntadeɛ atenten kyinkyini, na wɔpɛ dwam nkyea 39 ne hyiadan mu nkonnwa a ɛwɔ animu ne mpanin tenabea wɔ anwummeduane ase no ho.+ 40 Wɔn na wɔmemene akunafoɔ afie+ na nyaatwom nti wɔbɔ mpaeɛ atenten; yeinom bɛnya atemmuo a emu yɛ duro.”+
41 Na ɔtenaa ase a n’ani tua sika nnaka+ no, na ɔfirii aseɛ hwɛɛ sɛdeɛ nnipakuo no de sika gu sika nnaka no mu; na adefoɔ bebree de sika bebree bɛguu mu.+ 42 Ɛnna okunafoɔ hiani bi baeɛ de nkaprɛ mma mmienu* a ɛnsom bo ahe biara bɛguu mu.+ 43 Enti ɔfrɛɛ n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ deɛ saa okunafoɔ hiani yi de agu mu no sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika nnaka no mu nyinaa;+ 44 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama no aboro soɔ mu na wɔde abɛgu mu, na ɔno deɛ ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’asetenadeɛ nyinaa, abɛgu mu.”+