Sakaria
5 Afei memaa m’ani so hwɛɛ bio, na mehunuu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem.+ 2 Enti ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”+
Ɛnna mekaa sɛ: “Mehunu nwoma mmobɔeɛ bi a atu nam wiem. Na ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa du.”
3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne nnome a afiri adi kɔ asase nyinaa soɔ,+ ɛfiri sɛ obiara a ɔbɔ korɔno,+ sɛdeɛ wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no fã baako mu no, afa ne ho adi. Na obiara a ɔka ntam nso,+ sɛdeɛ wɔaka wɔ nnome a ɛwɔ ɛfã foforɔ mu no,+ afa ne ho adi. 4 ‘Me na mama afiri adie, na ɛbɛkɔ korɔmfoɔ ne deɛ ɔde me din ka ntanhunu no fie;+ na ɛbɛtena hɔ na asɛe fie no, emu nnua ne aboɔ nyinaa,’+ Asafo Yehowa asɛm nie.”
5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no ka kyerɛɛ me sɛ: “Mesrɛ wo ma w’ani so hwɛ deɛ afiri adi rekorɔ yi.”
6 Ɛnna mebisaa sɛ: “Ɛyɛ deɛn?”
Na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ efa susudeɛ na afiri adi rekorɔ.” Na ɔtoaa so sɛ: “Yei ne wɔn hwɛbea wɔ asase nyinaa so.” 7 Na wɔyii mmuasoɔ kurukuruwa a wɔde sumpii ayɛ no, na mehunuu sɛ ɔbaa bi te efa susudeɛ no mu. 8 Enti ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Amumuyɔ.” Na ɔpiaa no san hyɛɛ efa susudeɛ no mu,+ na ɔtoo sumpii boɔ kataa ano.
9 Afei memaa m’ani so hwɛeɛ, na mehunuu mmaa mmienu bi sɛ wɔreba a mframa wɔ wɔn ntaban mu. Na wɔn ntaban te sɛ asukɔnkɔn ntaban, na wɔmaa efa susudeɛ no so faa asase ne ɔsoro ntam. 10 Enti mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: “Ɛhe na wɔde efa susudeɛ no rekorɔ?”
11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔde bɛsi fie+ ama no wɔ Sinar+ asase so, na ɛbɛgyina na wɔde no akɔto ne tenabea hɔ.”