Asomafoɔ Nnwuma
25 Enti, berɛ a Festo baa+ aban mu wɔ ɔmantam no mu no, ne nnansa akyi, ɔfirii Kaesarea+ kɔɔ Yerusalem; 2 na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ atitire no bɛkaa Paulo ho asɛmmɔne+ kyerɛɛ no. Na wɔfirii aseɛ paa no kyɛw, 3 srɛɛ sɛ ɔnyɛ wɔn adom nsoma nkɔfrɛ ɔbarima no mmra Yerusalem, ɛfiri sɛ saa berɛ no na wɔtɛ kwan ho+ ayɛ krado sɛ wɔbɛku no. 4 Nanso, Festo buaa sɛ wɔbɛkora Paulo so wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ ɔno ara nso bɛkɔ hɔ. 5 Ɔkaa sɛ, “Enti momma wɔn a wɔwɔ mo mu a wɔwɔ tumi no ne me nkɔ, na sɛ biribi a ɛmfa kwan mu wɔ ɔbarima no ho a, wɔabɔ no soboɔ.”+
6 Enti berɛ a ɔdii wɔn nkyɛn bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu no, ɔkɔɔ Kaesarea, na adeɛ kyeeɛ no, ɔtenaa atemmuo adwa+ so hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo mmra. 7 Berɛ a ɔbaeɛ no, Yudafoɔ a wɔfiri Yerusalem aba no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kaa nsɛm+ akɛseɛ bebree guu ne so a wɔantumi amfa adanseɛ biara amma.
8 Nanso Paulo yii n’ano sɛ: “Menyɛɛ bɔne biara a ɛtia Yudafoɔ Mmara anaa asɔrefie+ no anaa Kaesare.”+ 9 Afei ɛsiane sɛ Festo pɛ sɛ ɔnya Yudafoɔ no anim adom+ nti, ɔbuaa Paulo sɛ: “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem ma wɔdi asɛm no m’anim anaa?”+ 10 Ɛnna Paulo kaa sɛ: “Megyina Kaesare atemmuo adwa anim,+ na ɛha na ɛsɛ sɛ wɔdi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biara,+ sɛdeɛ wo ara woabɛhu no pefee no. 11 Nanso sɛ meyɛ ɔbɔnefoɔ+ ampa, na mayɛ biribi a ɛsɛ owuo+ a, mennwane owuo; nanso sɛ deɛ mmarima yi de ato me soɔ yi biara nnim a, obiara ntumi mfa me nhyɛ wɔn nsa mfa mpata wɔn. Mede asɛm no dan Kaesare!”+ 12 Afei Festo ne badwafoɔ no kasa wieeɛ no, ɔbuaa sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no; Kaesare hɔ na wobɛkorɔ.”
13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Bernike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo. 14 Na ɛsiane sɛ na wɔbɛdi nna kakra wɔ hɔ nti, Festo de Paulo asɛm no too ɔhene no anim sɛ:
“Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaa no afiase, 15 na berɛ a mewɔ Yerusalem no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Yudafoɔ mpanimfoɔ de ne ho asɛm+ baeɛ, srɛɛ sɛ memmu no fɔ. 16 Na mebuaa wɔn sɛ ɛnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ wɔbɛbu obi fɔ ama wɔn a wɔabɔ no soboɔ+ berɛ a ɔnnyaa hokwan nyii n’ano wɔn anim. 17 Enti berɛ a wɔbɛhyiaa ha no, mantwentwɛn me nan ase koraa, na adeɛ kyeeɛ ara na metenaa atemmuo adwa so hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔbarima no mmra. 18 Ɔsɔre gyinaeɛ no, wɔn a wɔrebɔ no soboɔ no antumi anka ne ho asɛmmɔne+ biara sɛdeɛ mesusuiɛ no. 19 Ɛne sɛ, wɔne no dii anobaabaeɛ wɔ kwan a wɔn ara wɔfa so som+ wɔn nyame no ho, ne afei nso Yesu bi a ɔwuiɛ a Paulo ka no dendeenden sɛ ɔte aseɛ no ho.+ 20 Afei na menhunu deɛ menyɛ wɔ anobaabaeɛ yi ho, enti mebisaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem ma wɔkɔdi asɛm no wɔ hɔ anaa.+ 21 Nanso berɛ a Paulo kyerɛɛ+ sɛ wɔnkora ne so nkɔsi sɛ Otumfoɔ no bɛbua asɛm no, mehyɛɛ sɛ wɔnkora ne so nkɔsi sɛ mede no bɛkɔ akɔma Kaesare.”
22 Ɛha no, Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ: “Me nso mɛpɛ sɛ metie ɔbarima no ano asɛm.”+ Ɔkaa sɛ, “ɔkyena, wobɛtie no.” 23 Enti, adeɛ kyeeɛ no, Agripa ne Bernike baeɛ a wɔahyehyɛ wɔn ho kɔsɔɔ,+ na wɔne asahene ne kuro no mu atitire no kɔɔ baabi a wɔtie asɛm no, na Festo maa wɔde Paulo baeɛ. 24 Na Festo kaa sɛ: “Ɔhene Agripa ne mmarima a moka yɛn ho wɔ ha nyinaa, ɔbarima a mo ani tua no yi yɛ obi a Yudafoɔ dɔm no srɛɛ me wɔ Yerusalem ne ha nso, teateaam sɛ ɛnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu bio.+ 25 Nanso mehunuu sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owuo.+ Enti berɛ a ɔno ara de asɛm no dan+ Otumfoɔ no, meyɛɛ sɛ mede no bɛkɔ. 26 Nanso menhunu asɛm a mentwerɛ mfa ne ho nkɔma me Wura. Enti mede no baa mo anim, ne titire no wo Ɔhene Agripa, na sɛ wohwehwɛ asɛm no mu wie+ a, manya biribi atwerɛ, 27 ɛfiri sɛ nteaseɛ nnim sɛ mede ɔdeduani bɛkɔ a menkyerɛ asɛm a wɔde ato ne soɔ.”