Hebrifoɔ
9 Kane apam no deɛ, na ɛwɔ ɔsom+ ho ahyɛdeɛ ahodoɔ ne asase so kronkronbea.+ 2 Na wɔsii ntomadan no mu pia a ɛdi kan+ a emu na na kaneadua+ ne ɛpono+ ne paanoo a wɔde kyerɛ+ no wɔ; na wɔfrɛ hɔ “Kronkronbea.”+ 3 Nanso ntwamutam+ a ɛtɔ so mmienu no akyi na na ntomadan no mu pia a wɔfrɛ hɔ “Kronkron mu Kronkronbea”+ no wɔ. 4 Ɛhɔ na na wɔkora sika aduhwamhyeɛ adeɛ+ ne apam adaka+ a wɔde sika adura ho+ nyinaa a emu na na sika kuruwa a mana+ wom ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ+ ne apam aboɔpono+ no wɔ no, 5 na na animuonyam kerubim+ no kata mpata mmuasoɔ+ no so. Nanso ɛnyɛ saa berɛ yi na yɛbɛka yeinom ho nsɛm akɔ akyiri.
6 Berɛ a wɔhyehyɛɛ nneɛma yi wiee saa no, na asɔfoɔ no kɔ ntomadan no pia a ɛdi kan+ no mu berɛ nyinaa kɔyɛ ɔsom adwuma;+ 7 nanso pia a ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin no nko ara na na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko,+ na ɔnkɔ nnya mogya+ a ɔno ara+ ne ɔman+ no mfomsoɔ nti ɔde kɔma no. 8 Enti honhom kronkron da no adi pefee sɛ berɛ a na ntomadan a ɛdi kan no si hɔ no, na wɔnnya nyii kwan+ a ɛkɔ kronkronbea no adi.+ 9 Saa ntomadan yi yɛ mfatoho+ ma berɛ a ɛwɔ hɔ seesei yi,+ na deɛ ɛne no hyia no, wɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ nyinaa ma.+ Nanso yei ntumi mma deɛ ɔyɛ ɔsom adwuma no nwie pɛyɛ+ wɔ n’ahonim+ mu, 10 na mmom ɛfa nnuane+ ne anonneɛ+ ne asubɔ*+ nko ara ho. Ná ɛyɛ mmara mu ahyɛdeɛ a ɛfa honam nneɛma ho,+ na wɔde sii hɔ kɔsii sɛ berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔde bɛtoto nneɛma yie no bɛba.+
11 Nanso, berɛ a Kristo baa sɛ nnepa a aba ho sɔfo panin+ no, ɔnam ntomadan a ɛsõ na ɛwie pɛyɛ kyɛn soɔ a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, deɛ ɛmfiri adebɔ yi mu,+ so 12 na ɔhyɛn kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ maa yɛn,+ nanso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya+ na ɔde kɔɔ hɔ, na mmom ɔno ara ne mogya.+ 13 Na sɛ mmirekyie+ ne anantwinini+ mogya ne anantwiforɔ nsõ+ a wɔde pete wɔn a wɔn ho agu fĩ+ so no tee wɔn ho dwiraa wɔn honam+ a, 14 mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho a ɛnni dɛm bɔɔ afɔdeɛ+ maa Onyankopɔn no mogya+ rente yɛn ahonim ho+ mfiri nnwuma funu+ ho mma yɛnsom+ Onyankopɔn teasefoɔ no?
15 Ɛno nso nti na ɔyɛ apam foforɔ ntamgyinafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛsiane sɛ wawu de ayɛ agyedeɛ+ agye wɔn afiri mmarato mu wɔ kane apam+ no mu nti, wɔn a wɔafrɛ wɔn no bɛtumi anya daa nkwa agyapadeɛ ho bɔhyɛ no.+ 16 Na apam+ mu no, ɛhia sɛ deɛ ɔyɛ apam no wuo. 17 Sɛ owuo ba mu a na ɛma apam di mu, ɛfiri sɛ berɛ tenten a onipa a ɔyɛɛ apam no te aseɛ no, tumi nnim. 18 Ɛno nti wɔankwati mogya+ amfa kane apam+ no nso ansi hɔ. 19 Na berɛ a Mose kaa Mmara no mu ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman no wieeɛ no,+ ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie no mogya ne nsuo ne tankɔkɔɔ ne sommɛ,+ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so, 20 kaa sɛ: “Yei ne mogya a wɔde yɛ apam a Onyankopɔn de ayɛ ahyɛdeɛ ama mo no.”+ 21 Na ɔde mogya no petee ntomadan+ no ne ɔsom adwuma ho anwenneɛ nso ho.+ 22 Aane, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya te nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ mogya angu a,+ fafirie ntumi mma.+
23 Enti, na ɛho hia sɛ wɔfa saa kwan yi so te+ ɔsoro nneɛma nsususoɔ no ho,+ na ɔsoro nneɛma no ara deɛ, wɔde afɔdeɛ a ɛkyɛn afɔdeɛ a ɛtete saa na ɛte ho. 24 Na ɛnyɛ kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ,+ a ɛyɛ kronkronbea paa no ho sɛnkyerɛnne+ no mu na Kristo hyɛneeɛ, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa+ sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Onyankopɔn anim ama yɛn.+ 25 Na wankɔ nso sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin no de mogya a ɛnyɛ ɔno ara ne deɛ hyɛn kronkronbea+ hɔ afe afe+ no. 26 Anyɛ saa a anka ɛfiri wiase nhyɛaseɛ+ no ɛsɛ sɛ ɔtaa hunu amane. Nanso afei deɛ wayi ne ho adi+ prɛko+ wɔ wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ+ sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɔɔ afɔdeɛ no so bɛyi bɔne afiri hɔ.+ 27 Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa+ sɛ wɔwu prɛko, nanso atemmuo bɛba ɛno akyi+ no, 28 saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ prɛko+ sɛ ɔnsoa nnipa pii bɔne;+ na ne mprenu soɔ+ a ɔbɛyi ne ho adie+ no deɛ, ɛnyɛ bɔne nti na ɔbɛba,+ na ɔbɛyi ne ho adi akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan dendeenden repɛ wɔn nkwagyeɛ no.+