1 Samuel
24 Berɛ a Saul san firii Filistifoɔ akyi baeɛ+ no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Dawid wɔ En-Gedi+ serɛ so.”
2 Na Saul faa mmarima mpem mmiɛnsa a wɔayi wɔn+ afiri Israel nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid+ ne ne mmarima no wɔ abotan so mmirekyie+ atenaeɛ, abotan kwaboo no so. 3 Na ɔkɔduruu aboɔ nnwammuo a ɛwɔ kwan soɔ no ho. Ná ɔbodan bi wɔ hɔ, enti Saul kɔɔ mu sɛ ɔrekɔgya ne nan,+ na na Dawid ne ne mmarima no nso tete ɔbodan+ no mu nohoa. 4 Ɛnna Dawid mmarima no keka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa reka akyerɛ wo nnɛ da yi sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ na deɛ ɛsɔ w’ani biara, fa yɛ no.’”+ Enti Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kɔtwaa Saul atadeɛ ngugusoɔ ano. 5 Nanso ɛno akyi no, Dawid akoma bɔɔ no+ sɛ watwa Saul atadeɛ ngugusoɔ ano. 6 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: “Ɛmpare me sɛ mɛgyina Yehowa anim ayɛ adeɛ a ɛte saa atia me wura a Yehowa asra no+ na matene me nsa aka no, ɛfiri sɛ Yehowa asra no.”+ 7 Enti Dawid de nsɛm yi siankaa ne mmarima no, na wamma wɔansɔre antia Saul.+ Saul deɛ, ɔsɔre firii ɔbodan no mu sii so kɔɔ ne kwan.
8 Ɛno akyi no, Dawid sɔre firii adi firii ɔbodan no mu, na ɔteaam frɛɛ Saul sɛ: “Me wura+ ɔhene!” Ɛnna Saul danee n’ani hwɛɛ n’akyi, na Dawid bɔɔ ne mu ase koto de n’anim butuu fam.+ 9 Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Adɛn nti na woretietie nkurɔfoɔ ano+ sɛ, ‘Hwɛ! Dawid repɛ wo adi wo bɔne’? 10 Ɛnnɛ da yi, wode w’ani ahunu sɛdeɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu nnɛ; wɔkaa sɛ menku+ wo, nanso mehuu wo mmɔbɔ, na mekaa sɛ, ‘Meremfa me nsa nka me wura ɛfiri sɛ Yehowa asra no.’+ 11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atadeɛ ngugusoɔ ano kura me nsam. Metwaa w’atadeɛ ngugusoɔ ano nanso manku wo. Hwɛ na hunu sɛ bɔne+ anaa atuateɛ bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo deɛ, woatɛ me kra pɛ sɛ woyi firi hɔ.+ 12 Yehowa mmu me ne wo ntam atɛn;+ Yehowa na ɔbɛtɔ werɛ+ wo nsam ama me, na me nsa deɛ, meremfa nka wo.+ 13 Sɛdeɛ tete bɛ no ka no, ‘Amumuyɔ na ɛbɛdi amumuyɔfoɔ akyire,’+ na me nsa deɛ, meremfa nka wo. 14 Hwan na Israel hene atu di n’akyi yi? Hwan na wotaa no yi? Kraman funu+ yi? Sommorɔ+ baako pɛ yi? 15 Yehowa bɛyɛ ɔtemmufoɔ na wabu me ne wo ntam atɛn, na ɔbɛhunu na wadi m’asɛm+ ama me na wabu me atɛn ayi me afiri wo nsam.”
16 Berɛ a Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saul wieeɛ no, Saul kaa sɛ: “Me ba Dawid, wo nne na meteɛ yi anaa?”+ Na Saul maa ne nne so suiɛ.+ 17 Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wotene sene me,+ ɛfiri sɛ papa na woayɛ me,+ na me na mayɛ wo bɔne. 18 Wo deɛ, woama nnipa ahunu papa a woayɛ me nnɛ yi, ɛfiri sɛ Yehowa yii me hyɛɛ wo nsa,+ nanso woanku me. 19 Sɛ ɛba sɛ onipa nya ne tamfo a, ɔde no bɛfa kwampa bi so anaa?+ Ɛno nti Yehowa de adepa bɛtua wo ka+ ɛfiri sɛ woayɛ me saa nnɛ da yi. 20 Afei hwɛ! menim sɛ wo na wobɛdi hene,+ na wo nsam na Israel ahennie bɛgyina. 21 Enti ka me ntam Yehowa din mu+ sɛ worentwa m’asefoɔ a wɔbɛdi m’akyi aba no ngu, na worempepa me din mfiri me papa fie.”+ 22 Ɛnna Dawid kaa Saul ntam, na afei Saul kɔɔ ne fie.+ Dawid ne ne mmarima no deɛ, wɔforo kɔɔ baabi a ɛhɔ korɔ yɛ den no.+