Mateo
14 Saa berɛ no ara na Herode a ɔyɛ ɔmantam sodifoɔ no tee Yesu ho asɛm,+ 2 na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: “Ɛyɛ Yohane Suboni. Wɔanyane no afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na ɔtumi yɛ ahoɔdenneɛ no.”+ 3 Na Herode akye Yohane agu no mpokyerɛ de no ato afiase, ne nua Filipo yere Herodia nti.+ 4 Ná Yohane ka kyerɛ no daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware no.”+ 5 Ɛwom sɛ na ɔpɛ sɛ ɔku no deɛ, nanso na ɔsuro nnipa no, ɛfiri sɛ na wɔbu Yohane sɛ odiyifoɔ.+ 6 Na berɛ a wɔredi Herode awoda+ no, Herodia babaa saa wɔ aseɛ maa no yɛɛ Herode fɛ yie, 7 na ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no biribiara a ɔbɛbisa.+ 8 Ɛnna ne maame tutu guu n’asom maa no kaa sɛ: “Fa Yohane Suboni ti to apampaa so ma me ha yi ara.”+ 9 Ɛwom sɛ asɛm no haa ɔhene no deɛ, nanso ɛsiane ntam a waka ne wɔn a wɔne no tete hɔ no nti ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa mma no,+ 10 na ɔsoma maa wɔkɔtwaa Yohane ti wɔ afiase. 11 Na wɔde ne ti no too apampaa so brɛɛ abaayewa no, na ɔde kɔmaa ne maame.+ 12 Ɛnna n’asuafoɔ no bɛyii amu no kɔsieeɛ+ na wɔbɛbɔɔ Yesu amanneɛ. 13 Berɛ a Yesu tee asɛm no, ɔkɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔeɛ, na ɔno nko ara kɔhyɛɛ baabi komm;+ nanso nnipakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro no mu faa fam tĩĩ no.
14 Berɛ a ɔpue baeɛ no, ɔhunuu nnipakuo kɛseɛ bi; wɔyɛɛ no mmɔbɔ+ na ɔsaa wɔn mu ayarefoɔ no yareɛ.+ 15 Nanso enwunu dwoeɛ no n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛha ate ne ho na afei adeɛ resa; gya nnipa no kwan na ama wɔatumi akɔ nkuraa no ase akɔtɔ biribi adi.”+ 16 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔkɔ: momma wɔn biribi nni.”+ 17 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnni hwee wɔ ha sɛ paanoo nnum ne mpataa mmienu.”+ 18 Ɔkaa sɛ: “Momfa mmrɛ me.” 19 Afei ɔka kyerɛɛ nnipakuo no maa wɔtenatenaa serɛ no so na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa+ paanoo no so bubuu mu kyekyɛ maa asuafoɔ no na asuafoɔ no nso kyekyɛ maa nnipakuo no.+ 20 Enti wɔn nyinaa didi meeɛ, na wɔsesaa deɛ ɛkaa aseɛ no nkɛntɛn dumienu mãmã.+ 21 Na wɔn a wɔdii aduane no bɛyɛ mmarima mpemnum, mmaa ne mmɔfra nkumaa nka ho.+ 22 Afei ntɛm ara, ɔhyɛɛ n’asuafoɔ no sɛ wɔntena kodoɔ no mu nni no kan nkɔ asuogya, na ɔgyaa nnipakuo no kwan maa wɔkɔeɛ.+
23 Afei berɛ a wagya nnipakuo no kwan ama wɔkɔ no, ɔno nko ara kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.+ Ɛwom sɛ na adeɛ asa deɛ, nanso na ɔno nko ara na ɔwɔ hɔ. 24 Saa berɛ yi na kodoɔ no mmɛn asase koraa, na na asorɔkye no ama nneɛma mu ayɛ den,+ ɛfiri sɛ na mframa no bɔ hyia wɔn. 25 Na ɛduruu ahemadakye* no, ɔnantee po so baa wɔn nkyɛn.+ 26 Berɛ a asuafoɔ no ani bɔɔ ne so sɛ ɔnam po no soɔ no, wɔn bo tuiɛ maa wɔkaa sɛ: “Ɛyɛ daeɛ anaa?”+ Ehu maa wɔteateaam. 27 Na ntɛm ara Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me a;+ monnsuro.” 28 Na Petro bua see no sɛ: “Awurade, ɛyɛ wo ampa a, ka ma memfa nsuo no so mmra wo nkyɛn.” 29 Ɔkaa sɛ: “Bra!” Ɛnna Petro si firii kodoɔ no mu+ nantee nsuo no so de n’ani kyerɛɛ baabi a Yesu wɔ no. 30 Nanso berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ mframa no rebɔ no ehu kaa no, na ɔfirii aseɛ sɛ ɔremem no, ɔteaam sɛ: “Awurade, gye me!” 31 Ɛhɔ ara na ɔtenee ne nsa, na Yesu sɔɔ ne mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo a wo gyidie sua, adɛn nti na womaa w’adwene hinhimiiɛ?”+ 32 Berɛ a wɔforo tenaa kodoɔ no mu no, mframa no gyaeeɛ. 33 Afei wɔn a wɔwɔ kodoɔ no mu no kotoo no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”+ 34 Na wɔtwa baa Genesaret asase so.+
35 Berɛ a wɔhunuu no no, mmarima a wɔwɔ hɔ no soma kɔɔ nkuro a atwa ahyia nyinaa mu, na nkurɔfoɔ de ayarefoɔ nyinaa brɛɛ no.+ 36 Na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka n’atadeɛ ngugusoɔ ano kɛkɛ;+ wɔn a wɔde wɔn nsa kaeɛ nyinaa ho tɔɔ wɔn koraa.