2 Timoteo
1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ+ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa+ a ɛwɔ Kristo Yesu+ mu ho bɔhyɛ teɛ no, 2 de kɔma me dɔba+ Timoteo:
Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ nka wo.+
3 Meda Onyankopɔn a m’agyanom+ som no a mede ahonim+ pa resom+ no no ase sɛ me werɛ mfiri wo m’adesrɛ+ mu anadwo ne awia, 4 na sɛ mekae wo nisuo no a, m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ+ na ama anigyeɛ ahyɛ me mã. 5 Na mekae gyidie+ a nyaatwom+ nnim a ɛwɔ wo mu, a ɛdii kan tenaa wo nana Lois ne wo maame Eunike mu, a mewɔ ahotɔsoɔ sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no.
6 Yei ara nti na merekae wo sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ+ a mede me nsa guu wo soɔ+ maa wonyaeɛ no, hyɛ mu gya.+ 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu+ honhom, na mmom tumi+ ne ɔdɔ ne adwenemteɛ+ deɛ. 8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedie+ ne me a ne nti meyɛ ɔdeduani no ho,+ na mmom wo nso hunu asɛmpa no ho amane+ bi, sɛdeɛ Onyankopɔn tumi teɛ.+ 9 Wagye+ yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ+ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma+ nti, na mmom ɔno ara n’atirimpɔ ne n’adom ntira. Yei na wɔde maa yɛn Kristo Yesu mu firi teteete,+ 10 nanso afei wɔayi no adi pefee nam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie+ so; ɔno na wayi owuo afiri hɔ+ na ɔnam asɛmpa+ no so ama hann+ ahyerɛn nkwa+ ne deɛ ɛmporɔ+ soɔ, 11 na ɛno nti na wɔyii me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.+
12 Yei nso nti na merehunu amane+ yi, nanso ɛnyɛ me aniwu.+ Ɛfiri sɛ menim onii a magye no adie no, na mewɔ ahotɔsoɔ sɛ ɔbɛtumi akora+ deɛ magya ahyɛ ne nsa no so akɔsi sɛ da+ no bɛba. 13 Kɔ so kura nsɛm a ɛyɛ+ no nhwɛsodeɛ a wote firii me nkyɛn no mu. Kura mu wɔ gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.+ 14 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi+ na fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu+ no so hwɛ so yie.
15 Wonim sɛ nnipa a wɔwɔ Asia+ no nyinaa atwe wɔn ho afiri me ho.+ Wɔn mu bi ne Figelo ne Hermogene. 16 Awurade nyi mmɔborɔhunu adi nkyerɛ Onesiforo fiefoɔ,+ ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me+ mprɛ pii, na wamfɛre me nkɔnsɔnkɔnsɔn+ no ho. 17 Na mmom berɛ a ɔbaa Roma no, ɔhwehwɛɛ me dendeenden na ɔhunuu me.+ 18 Awurade mma no nnya Yehowa hɔ mmɔborɔhunu,+ ɛda no.+ Na wonim ɔsom bebrebe a ɔsom wɔ Efeso no yie.