Mateo
13 Saa da no, Yesu firii fie hɔ kɔtenaa mpoano, 2 na nnipakuo bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, enti ɔkɔforoo kodoɔ bi tenaa mu,+ na na nnipakuo no nyinaa gyinagyina po no ano. 3 Afei ɔde mfatoho kaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwɛ! Ogufoɔ bi firii adi sɛ ɔrekɔgu aba;+ 4 ɔregu aba no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa bɛdiiɛ.+ 5 Ebi nso kɔguu baabi a abotan wɔ a dɔteɛ pii nnie, na ɛsiane sɛ ankɔ dɔteɛ mu pii nti ntɛm ara na ɛfifiiɛ.+ 6 Nanso berɛ a awia pueeɛ no ɛkusaeɛ, na ɛsiane nhini a ɛnnie nti ɛwuiɛ.+ 7 Ebi nso kɔguu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ na ɛmiaa no.+ 8 Na ebi nso kɔguu asase pa mu na ɛfirii aseɛ soo aba,+ ebi soo ɔha, ebi soo aduosia, na ebi nso soo aduasa.+ 9 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.”+
10 Enti asuafoɔ no bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wode mfatoho kasa kyerɛ wɔn?”+ 11 Ɔbuaa wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte ɔsoro ahennie ho ahuntasɛm kronkron+ no ase, na wɔn deɛ wɔmfa mmaa wɔn.+ 12 Na obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no bi aka ho ama no abu ne so,+ na obiara a ɔnnie no deɛ, wɔbɛgye deɛ ɔwɔ mpo afiri ne nsam.+ 13 Yei nti na mede mfatoho kasa kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ wɔhwɛ deɛ, nanso wɔhwɛ no kwa, na wɔte deɛ, nanso wɔte no kwa, na wɔnte aseɛ;+ 14 wɔn so na Yesaia nkɔmhyɛ no aba mu sɛ, ‘Teɛ deɛ mobɛte nanso morente aseɛ; hwɛ deɛ mobɛhwɛ nanso morenhunu.+ 15 Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔde wɔn aso atie kwa, na wɔakata wɔn ani; wɔamfa wɔn ani anhunu, amfa wɔn aso antie, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ ansakra na masa wɔn yareɛ.’+
16 “Nanso anigyeɛ ne mo ani+ sɛ ɛhunu adeɛ, ne mo aso sɛ ɛte asɛm. 17 Nokorɛm mese mo sɛ, adiyifoɔ+ ne ateneneefoɔ bebree pɛɛ sɛ wɔhunu nneɛma a mohunu yi nanso wɔanhunu,+ na wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ moteɛ yi nanso wɔante.+
18 “Afei montie ogufoɔ ho mfatoho no.+ 19 Obiara a ɔte ahennie no ho asɛm na ɔnte aseɛ no, ɔbɔnefoɔ+ no ba bɛhwim deɛ wɔagu no n’akoma mu no; oyi ne deɛ wɔguu no kwankyɛn no. 20 Na deɛ wɔguu no abotan soɔ no ne deɛ ɔte asɛm no na ntɛm ara ɔgye tom anigyeɛ so.+ 21 Nanso ɔnni nhini biara na ɔtena hɔ kakra, na sɛ ahohia anaa ɔtaa ba ɛsiane asɛm no nti a, ɛto no suntidua ntɛm ara.+ 22 Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, nanso wiase* yi mu dadwene+ ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɔnso aba.+ 23 Na deɛ wɔguu no asase pa mu no ne deɛ ɔte asɛm no na ɔte aseɛ, na ɔso aba nso, ebi ɔha, ebi aduosia, na ebi nso aduasa.”+
24 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ ɔbarima bi a ɔguu aba pa wɔ n’afuo mu.+ 25 Berɛ a nnipa adeda no, ne tamfo ba bɛduaa nwura bɔne wɔ ayuo no mu na ɔgyaa hɔ kɔeɛ. 26 Berɛ a ɛyiyii ahahan na ɛsoo aba no, nwura bɔne no nso yii ne ho adi. 27 Enti efiewura no nkoa bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɛnyɛ aba pa na woguu no w’afuo no mu?+ Afei ɛyɛɛ dɛn na nwura bɔne aba mu yi?’+ 28 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Ɔtamfo bi na ɔbɛyɛɛ saa.’+ Wɔsee no sɛ, ‘Ɛnneɛ wopɛ sɛ yɛkɔ kɔboaboa ano anaa?’ 29 Ɔkaa sɛ, ‘Dabi, ɛfiri sɛ anhwɛ a, berɛ a moreboaboa ano no mobɛtutu ayuo no afra. 30 Momma ne nyinaa nnyini nkɔsi twaberɛ, na twaberɛ duru a mɛka akyerɛ atwafoɔ no sɛ, monni kan mmoaboa nwura no ano na monkyekyere no atifi atifi nkɔhye,+ na afei mommoaboa ayuo no ano ngu m’asan so.’”+
31 Ɔmaa wɔn mfatoho foforɔ+ sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ sinapi aba+ a obi fa kɔduaa n’afuo mu; 32 nokorɛm no, ɛno ne aba nyinaa mu deɛ ɛsua koraa, nanso sɛ ɛnyini a, ɛbɛyɛ ɛfan a ɛsõ sene ɛfan biara, na ɛbɛyɛ dua ma ewiem nnomaa+ bɛtena ne mman so.”+
33 Ɔsan maa wɔn mfatoho foforɔ sɛ: “Ɔsoro ahennie te sɛ mmɔreka+ a ɔbaa bi de fraa esiam susukoraa akɛseɛ mmiɛnsa kɔsii sɛ ne nyinaa mu kaeɛ.”
34 Yesu de mfatoho na ɛkaa yeinom nyinaa kyerɛɛ nnipa akuakuo no. Nokorɛm no, wankasa ankyerɛ wɔn a mfatoho nka ho;+ 35 ɛno na ɛbɛma deɛ wɔnam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ: “Mɛbue m’ano mfatoho mu, mɛpae mu aka nsɛm a ahunta firi nhyɛaseɛ no.”+
36 Afei ɔgyaa nnipakuo no kwan, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Kyerɛkyerɛ afuo mu nwura bɔne ho mfatoho no mu kyerɛ yɛn.” 37 Ɔbua see wɔn sɛ: “Deɛ ɔguu aba pa no ne onipa Ba no; 38 afuo no ne wiase;+ aba pa no ne ahennie mma no; nwura bɔne no ne ɔbɔnefoɔ no mma,+ 39 na ɔtamfo a ɔguiɛ no ne Ɔbonsam.+ Twaberɛ+ no ne wiase nhyehyɛeɛ awieeɛ,+ na atwafoɔ no ne abɔfoɔ. 40 Enti, sɛdeɛ wɔboaboa nwura bɔne no ano de egya hyeɛ no, saa ara na wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ bɛyɛ.+ 41 Onipa Ba no bɛsoma n’abɔfoɔ, na wɔbɛboaboa biribiara a ɛto suntidua+ ne wɔn a wɔyɛ mmaratodeɛ ano afiri n’ahennie no mu, 42 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo no mu.+ Ɛhɔ na wɔbɛsu atwerɛ wɔn sẽ.+ 43 Saa berɛ no ateneneefoɔ bɛhyerɛn+ paa sɛ awia+ wɔ wɔn Agya ahennie mu. Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie.+
44 “Ɔsoro ahennie te sɛ ademudeɛ bi a wɔde ahunta wuram a obi kɔhunuiɛ na ɔde sieeɛ; anigyeɛ a ɔnyaeɛ nti ɔkɔtɔn+ deɛ ɔwɔ kɔtɔɔ saa asase no.+
45 “Bio nso ɔsoro ahennie te sɛ odwadini bi a ɔtu kwan kɔhwehwɛ nhwene pa. 46 Berɛ a ɔhunuu ahweneɛ baako a ne boɔ yɛ den no,+ ntɛm ara, ɔkɔtɔn deɛ ɔwɔ nyinaa de kɔtɔeɛ.+
47 “Bio nso ɔsoro ahennie te sɛ asau a wɔagyaa agu po mu ama no ayi mpataa ahodoɔ pii.+ 48 Berɛ a ɛyɛɛ mã no, wɔtwe baa mpoano tenaa ase boaboaa papa+ no ano guu adeɛ mu, nanso deɛ ɛnyɛ+ no deɛ wɔto guiɛ. 49 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ wiase nhyehyɛeɛ no awieeɛ: abɔfoɔ no bɛkɔ akɔyiyi abɔnefoɔ+ afiri ateneneefoɔ+ mu 50 na wɔbɛto wɔn agu egya fononoo mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu atwerɛ wɔn sẽ.+
51 Ɔbisaa sɛ: “Motee yeinom nyinaa ase anaa?” Na wɔbuaa sɛ: “Aane.” 52 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ ɛte saa a, ɔkyerɛkyerɛfoɔ biara a wɔakyerɛ no ɔsoro ahennie+ ho adeɛ no te sɛ efiewura bi a ɔyi nneɛma foforɔ ne dada adi firi n’akoradeɛ dan mu.”+
53 Berɛ a Yesu de mfatoho ahodoɔ yi ma wieeɛ no, ɔfirii hɔ kɔeɛ. 54 Na ɔkɔɔ ne kurom no,+ ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ wɔn hyiadan mu+ maa wɔn ho dwirii wɔn, na wɔkaa sɛ: “Ɛhe na onipa yi nyaa nyansa ne ahoɔdenneɛ yi firiiɛ? 55 Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie?+ Ɛnyɛ ne maame na wɔfrɛ no Maria, na ne nua mmarima nso wɔmfrɛ wɔn Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda? 56 Na ne nua mmaa nso, ɛnyɛ yɛne wɔn ara na ɛwɔ ha?+ Ɛnneɛ ɛhe na onipa yi nyaa yeinom nyinaa firiiɛ?”+ 57 Enti ɔbɛyɛɛ suntidua maa wɔn.+ Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ anidie bɛbɔ odiyifoɔ a, na ɛyɛ ɔno ara ne kurom ne ne fie.”+ 58 Na gyidie a wɔnnie nti wanyɛ ahoɔdenneɛ bebree wɔ hɔ.+