Dawid dwom.
א [ʼAʹleph]
37 Mma wo bo mmfu, nnebɔneyɛfoɔ nti.+
Mma w’ani mmmere amumuyɔfoɔ.+
2 Wɔbɛkusa ntɛmntɛm sɛ serɛ,+
Na wɔbɛtwam akɔ sɛ wura mono.+
ב [Behth]
3 Fa wo ho to Yehowa so na yɛ papa;+
Tena asase so na di nokorɛ.+
4 Ma w’ani nka Yehowa ho,+
Na ɔbɛma wo deɛ w’akoma pɛ.+
ג [Giʹmel]
5 Fa wo kwan hyɛ Yehowa nsa,+
Na fa wo ho to ne so,+ na ɔno na ɔbɛyɛ.+
6 Ɔbɛma wo tenenee ada adi sɛ hann,+
Na w’atemmuo ada adi sɛ owigyinaeɛ.+
ד [Daʹleth]
7 Yɛ komm ma Yehowa,+
Na to wo bo ase twɛn no.+
Mma wo bo mmfu, deɛ ne kwan asi no yie+ nti,
Onipa a ɔdi ne nsusuiɛ akyi+ no.
ה [Heʼ]
8 Ma abufuo ntwa, na gyae bobɔne;+
Mma wo bo mmfu na woanyɛ bɔne.+
9 Na wɔbɛyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ,+
Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na wɔbɛnya asase no adie.+
ו [Waw]
10 Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfoɔ nni hɔ bio;+
Na wohwehwɛ ne tenabea a, na ɔnni hɔ.+
11 Na ahobrɛasefoɔ bɛnya asase no adi,+
Na wɔagye wɔn ani asomdwoeɛ bebree mu.+
ז [Zaʹyin]
12 Ɔdebɔneyɛfoɔ fa ɔteneneeni ho adwemmɔne,+
Na ɔtwɛre ne se gu ne so.+
13 Yehowa bɛsere no,+
Ɛfiri sɛ Ɔnim sɛ n’awieeɛ bɛba.+
ח [Chehth]
14 Nnebɔneyɛfoɔ atwe nkrantɛ, na wɔakuntunu wɔn agyan mu,+
Sɛ wɔbɛma mmɔborɔni ne ohiani ahwe ase,+
Na wɔakum wɔn a wɔn kwan tene.+
15 Wɔn nkrantɛ bɛwɔ wɔn ara wɔn akoma mu,+
Na wɔn agyan abubu.+
ט [Tehth]
16 Adeɛ kakra a ɔteneneeni wɔ no yɛ+ sene
Adedodoɔ a nnebɔneyɛfoɔ bebree wɔ.+
17 Wɔbɛbubu nnebɔneyɛfoɔ basa,+
Na Yehowa bɛwowa ateneneefoɔ.+
י [Yohdh]
18 Yehowa nim wɔn a wɔdi mũ no nkwa nna,+
Na wɔn agyapadeɛ bɛtena hɔ daa.+
19 Wɔn ani renwu ahohia berɛ mu,+
Na ɛkɔm berɛ mu nso, wɔbɛmee.+
כ [Kaph]
20 Nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛyera,+
Na Yehowa atamfo bɛyɛ sɛ wura frɔmfrɔm;
Wɔn awieeɛ bɛba.+ Wisie mu na wɔn awieeɛ bɛba.+
ל [Laʹmedh]
21 Ɔdebɔneyɛfoɔ fɛm, na ɔntua,+
Na ɔteneneeni deɛ, ɔdom nkurɔfoɔ na ɔkyɛ adeɛ.+
22 Wɔn a ɔhyira wɔn na wɔbɛnya asase no adie,+
Na wɔn a ɔdome wɔn no deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.+
מ [Mem]
23 Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim,+
Na ne kwan sɔ N’ani.+
24 Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea hɔ,+
Ɛfiri sɛ Yehowa kura ne nsa.+
נ [Nun]
25 Mayɛ abɔfra, na afei mabɔ akɔkoraa,+
Nanso menhunuu onipa tenenee a wɔagya no,+
Anaasɛ n’asefoɔ resrɛ aduane.+
26 Ɔdom nkurɔfoɔ daa, na ɔde fɛm,+
Ɛno nti n’asefoɔ bɛnya nhyira.+
ס [Saʹmekh]
27 Firi bɔne ho na yɛ papa,+
Na woatena ase daa.+
28 Yehowa dɔ atɛntenenee,+
Na ɔrennya n’anokwafoɔ.+
ע [ʽAʹyin]
Ɔbɛhwɛ wɔn so+ daa;
Na nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ deɛ, wɔbɛyi wɔn hɔ.+
29 Ateneneefoɔ bɛnya asase no adi,+
Na wɔatena so daapem.+
פ [Peʼ]
30 Ɔteneneeni ano ka anyansasɛm wɔ n’akomam,+
Na ne kɛtrɛma ka asɛntenenee.+
31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ n’akoma mu;+
Ne nan nwatiri.+
צ [Tsa·dhehʹ]
32 Ɔdebɔneyɛfoɔ tɛ ɔteneneeni,+
Na ɔrehwehwɛ no aku no.+
33 Yehowa deɛ, ɔrennya ɔteneneeni ɔdebɔneyɛfoɔ nsam,+
Na sɛ ɔrebu atɛn a, ɔremmu ɔteneneeni fɔ.+
ק [Qohph]
34 Twɛn Yehowa, na fa ne kwan so,+
Na ɔbɛma wo so na woanya asase no adi.+
Sɛ wɔyi nnebɔneyɛfoɔ hɔ a, wobɛhunu.+
ר [Rehsh]
35 Mahunu ɔdebɔneyɛfoɔ wɔ tumi kɛseɛ mu,+
Na ɔdendanee sɛ dua a anya baabi pa asi ayɛ frɔmm.+
36 Nanso ɔtwaam kɔeɛ, na ɔnni hɔ;+
Mehwehwɛɛ no, na manhu no.+
ש [Shin]
37 Hwɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ deɛ ɔtene;+
Saa onipa no awieeɛ yɛ asomdwoeɛ.+
38 Mmaratofoɔ deɛ, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko,+
Na nnebɔneyɛfoɔ nso, wɔbɛyi wɔn hɔ.+
ת [Taw]
39 Ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi Yehowa;+
Ɔno ne wɔn ahohia berɛ mu dwankɔbea.+
40 Na Yehowa bɛboa wɔn na wagye wɔn.+
Ɔbɛyi wɔn afiri nnebɔneyɛfoɔ nsam, na wagye wɔn,+
Ɛfiri sɛ wɔadwane atoa no.+