Dawid dwom; berɛ a ɔwɔ Yuda serɛ so no.+
63 Onyankopɔn, wone me Nyankopɔn, na wo na mehwehwɛ wo daa.+
Wo ho sukɔm de me kra.+
Wo ho anigyina ama matɔ piti
Wɔ asase wesee a hwee nni soɔ so, baabi a nsuo nnie.+
2 Saa na mahu woɔ wɔ kronkronbea hɔ,+
Na mahunu w’ahoɔden ne w’animuonyam.+
3 Ɛsiane sɛ w’adɔeɛ yɛ sene nkwa nti,+
M’ano na mede bɛkamfo woɔ.+
4 Saa na mɛhyira wo me nkwa nna nyinaa;+
Wo din mu na mɛma me nsa soɔ.+
5 Me kra mee sɛ deɛ ɔnya adepa ne sradeɛ,+
Na m’ano de ahurisi dwom bɛyi wo ayɛ.+
6 Sɛ mekae wo me kɛtɛ so+
Anadwo dasuom a, medwendwene wo ho.+
7 Wone me boafoɔ,+
Na wo ntaban nwunu ase na meto ahurisi dwom.+
8 Me kra di w’anammɔn akyi;+
Wo nsa nifa kura me mu dendeenden.+
9 Wɔn a wɔrehwehwɛ me kra asɛe no no deɛ,+
Asase ase tɔnn na wɔbɛkorɔ.+
10 Wɔde wɔn bɛhyɛ nkrantɛ nsa;+
Wɔbɛdane asakraman aduane.+
11 Na ɔhene bɛdi Onyankopɔn mu ahurisie.+
Obiara a ɔka no ntam no bɛhoahoa ne ho,+
Ɛfiri sɛ wɔbɛma nkontompofoɔ aka wɔn ano atom.+