Sakaria
4 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no san baeɛ, na ɔnyanee me te sɛ obi a wɔanyane no afiri nna mu.+ 2 Na ɔbisaa me sɛ: “Ɛdeɛn na wohunu?”+
Na mekaa sɛ: “Mehunu kaneadua bi, na ne nyinaa yɛ sika,+ na kuruwa si so. Na nkanea nson sisi so;+ na nkanea a ɛsisi soɔ no wɔ adorobɛn nson. 3 Na ngodua mmienu sisi ho,+ baako wɔ kuruwa no nifa na baako nso wɔ benkum.”
4 Afei mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: “Me wura, yeinom nyinaa kyerɛ sɛn?”+ 5 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no nso bisaa me sɛ: “Enti ampa ara wonnim deɛ yeinom nyinaa kyerɛ?”
Ɛnna mebuaa sɛ: “Mennim, me wura.”+
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yehowa asɛm a ɔka kyerɛɛ Serubabel nie, ‘“Ɛnyɛ asraafoɔdɔm so,+ na ɛnyɛ tumi so,+ na mmom me honhom so,”+ asafo Yehowa na aka. 7 O bepɔ kɛseɛ,+ woyɛ hwan? Wobɛdane asasetamaa wɔ Serubabel+ anim. Na ɔde atifi boɔ no bɛba.+ Na wɔbɛteam+ agu so sɛ: “Hwɛ animuonyam! Hwɛ animuonyam!”’”+
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Serubabel no ara nsa na ɛtoo fie yi fapem,+ na ɔno ara ne nsa na ɛbɛwie.+ Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa no ara na asoma me mo nkyɛn.+ 10 Hwan na ɔbu nneɛma nketewa da no animtia?+ Wɔbɛdi ahurisie,+ na wɔbɛhunu prumo wɔ Serubabel nsam. Nson yi yɛ Yehowa ani+ a ɛkyini fa asase nyinaa soɔ.”+
11 Na mebisaa no sɛ: “Ngodua mmienu a ɛsisi kaneadua no nifa ne ne benkum yi kyerɛ sɛn?”+ 12 Ɛnna mebisaa ne mprenu soɔ sɛ: “Ngodua mman mmienu a ɛhwie sika nsuo fa sika adorobɛn mmienu mu no yɛ deɛn?”
13 Na ɔbisaa me sɛ: “Enti ampa ara wonnim deɛ yeinom kyerɛ?”
Ɛnna mebuaa sɛ: “Mennim, me wura.”+
14 Enti ɔkaa sɛ: “Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn+ a wɔgyina asase nyinaa wura no nkyɛn no.”+