Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora+ mma dwom. Mmabaa nne so.
46 Onyankopɔn ne yɛn dwankɔbea ne yɛn ahoɔden,+
Ahohia mu boafoɔ a ɔwɔ hɔ daa.+
2 Ɛno nti sɛ asase sesa,+
Na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo bunu mu mpo a, yɛrensuro;+
3 Sɛ emu nsuo bu fa so, na ɛhuru,+
Na mmepɔ woso biribiribiri+ mpo a, yɛrensuro. Sela.
4 Asubɔnten bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de ahurisidie ba Onyankopɔn kuro mu,+
Ɔsorosoroni no ntomadan kronkron kɛseɛ no.+
5 Onyankopɔn wɔ kuro no mfimfini;+ ɛrenhinhim.+
Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.+
6 Amanaman yɛɛ gyegyeegye,+ ahennie wosowosoeɛ;
Ɔde ne nne boboom, na asase naneeɛ.+
7 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela.
8 Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma,+
Sɛdeɛ wayɛ anwanwadwuma pii asase soɔ.+
9 Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.+
Ɔbubu agyan mu, na ɔtwitwa pea mu asinasini;+
Ɔde gya hye nteaseɛnam.+
10 “Monyɛ komm, na monhunu sɛ mene Nyankopɔn.+
Wɔbɛma me so, amanaman mu,+
Wɔbɛma me so, asase so.”+
11 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela.