Ayeyi dwom. Dwom a wɔto no homeda.
92 Ɛyɛ sɛ yɛda Yehowa ase+
Na yɛto dwom ma wo din, O Ɔsorosoroni;+
2 Ɛyɛ sɛ yɛka w’adɔeɛ ho asɛm+ anɔpa,
Ne wo nokorɛdie ho asɛm anadwo,+
3 Sankuo a ɛso nhoma yɛ du ne sankuwa so,+
Ne dwom dɛdɛ wɔ sankuten so.+
4 O Yehowa, wo na woma medi ahurisie wo nnwuma ho;
Wo nsa ano adwuma nti, meto ahurisi dwom.+
5 O Yehowa, hwɛ sɛdeɛ wo nnwuma yɛ akɛseɛ!+
W’adwene mu dɔ yie.+
6 Deɛ ɔnni adwene ntumi nhunu mu,+
Na kwasea ntumi nte aseɛ.+
7 Sɛ nnebɔneyɛfoɔ fifi sɛ wura,+
Na amumuyɔfoɔ nyinaa pae sɛ nhwiren a,
Ɛyɛ ɔsɛeɛ korakora a ɛbɛba wɔn soɔ+ ntira.
8 Nanso wo Yehowa deɛ, wowɔ sorosoro kɔsi daa.+
9 Hwɛ! O Yehowa, w’atamfo,+
Hwɛ! w’atamfo deɛ, yera na wɔbɛyera;+
Amumuyɔfoɔ nyinaa, wɔbɛbɔ wɔn ahwete.+
10 Nanso wobɛma m’abɛn so sɛ ɛkoɔ deɛ;+
Ngo pa na mɛsra.+
11 M’ani nso bɛhwɛ m’atamfo;+
M’aso bɛte wɔn a wɔsɔre tia me no ho asɛm, nnebɔneyɛfoɔ no.
12 Ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ abedua;+
Ɔbɛyɛ kɛse sɛ Lebanon tweneduro.+
13 Wɔn a wɔdua wɔn Yehowa fie,+
Wɔ yɛn Nyankopɔn fie adihɔ no,+ wɔbɛyɛ frɔmfrɔm.
14 Sɛ wɔfu dwono mpo a, wɔbɛso aba,+
Na wɔbɛkɔ so ayɛ akɛseɛ ayɛ frɔmfrɔm,+
15 Na wɔaka sɛ Yehowa tene.+
Ɔno ne me Botan,+ na deɛ ɛntene biara nni ne mu.+