1 Korintofoɔ
7 Na deɛ motwerɛeɛ no ho deɛ, ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔmfa ne ho nka+ ɔbaa; 2 nanso ɛsiane sɛ adwamammɔ+ abu soɔ nti, ɔbarima biara nnya ɔno ara ne yere,+ na ɔbaa biara nnya ɔno ara ne kunu. 3 Okunu mma ne yere deɛ ɛsɛ no,+ na ɔyere nso nyɛ saa ara mma ne kunu.+ 4 Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne kunu;+ saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ne yere.+ 5 Mommfa mo ho nnkame mo ho,+ gye sɛ mo mmienu nyinaa pene so saa kɔsi berɛ bi,+ na moanya berɛ ama mpaebɔ na moasan abɛhyiam bio, na amma sɛ ahosodie a moannya nti,+ Satan bɛsɔ mo ahwɛ.+ 6 Nanso deɛ mereka yi yɛ hokwan bi kɛkɛ,+ na ɛnyɛ nhyɛ.+ 7 Menyaeɛ a, anka nnipa nyinaa te sɛ deɛ meteɛ yi.+ Nanso, obiara wɔ ɔno ara n’akyɛdeɛ+ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ; obi wɔ no sei, na obi nso wɔ no sei.
8 Afei meka kyerɛ wɔn a wɔnwareeɛ+ ne akunafoɔ sɛ ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔbɛtena hɔ sɛdeɛ meteɛ yi.+ 9 Nanso sɛ wɔntumi nhyɛ wɔn ho so a,+ wɔnware, na ɛyɛ sɛ wɔbɛware+ sene sɛ akɔnnɔ bɛhyɛ wɔn soɔ.+
10 Awarefoɔ no deɛ, mema wɔn ahyɛdeɛ, nanso ɛnyɛ me, na mmom Awurade,+ sɛ ɔyere ne ne kunu nntete mu;+ 11 nanso ɛba sɛ ɔne no tete mu a, ɔnnware, anyɛ saa a ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu no kɔbom bio; na okunu nso mmfiri ne yere ho.
12 Na wɔn a aka no deɛ, me na meka kyerɛ wɔn, na ɛnyɛ Awurade,+ sɛ: Sɛ onua bi wɔ yere a ɔnnye nnie, na sɛ ɔbaa no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔgyaa no; 13 na sɛ ɔbaa bi nso wɔ kunu a ɔnnye nnie, na sɛ ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔgyaa ne kunu no. 14 Na okunu a ɔnnye nnie no ho ate ɔyere no mu, na ɔyere a ɔnnye nnie no ho ate onuabarima no mu; anyɛ saa a mo mma ho bɛgu fĩ+ paa, na seesei deɛ, wɔyɛ kronn.+ 15 Na sɛ deɛ ɔnnye nnie no ka sɛ ɔrekɔ+ a, ma no nkɔ; obi ntumi nhyɛ onuabarima anaa onuabaa sɛ akoa wɔ tebea a ɛte saa mu, na asomdwoeɛ mu na Onyankopɔn afrɛ mo aba.+ 16 Na ɔbaa, wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɛnyɛ wo na wobɛgye wo kunu nkwa?+ Anaasɛ ɔbarima, wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ ɛnyɛ wo na wobɛgye wo yere nkwa?+
17 Mmom no, sɛdeɛ Yehowa ama obiara ne kyɛfa+ no, saa ara na obiara mmɔ ne bra sɛdeɛ Onyankopɔn afrɛ no.+ Na saa na mahyɛ+ wɔ asafo ahodoɔ nyinaa mu. 18 Wɔfrɛɛ obi wɔ twetiatwa mu anaa?+ Ɛnsɛ sɛ ɔdane momonotoni. Wɔfrɛɛ obi wɔ momonoto mu anaa?+ Ɛnsɛ sɛ wɔtwa no twetia.+ 19 Twetiatwa+ nka hwee, na momonoto+ nso nka hwee, na deɛ ɛhia ne Onyankopɔn ahyɛdeɛ sodie.+ 20 Tebea biara a wɔfrɛɛ obiara wɔ mu no,+ ɔntena mu.+ 21 Wɔfrɛɛ woɔ no na woyɛ akoa anaa? Mma no nnha wo;+ nanso sɛ wobɛtumi ade wo ho nso a, de wo ho. 22 Na obiara a ɔwɔ Awurade mu a wɔfrɛɛ no berɛ a ɔyɛ akoa no ade ne ho na wayɛ Awurade dea;+ na saa ara na deɛ wɔfrɛɛ no berɛ a ɔyɛ ɔdehyeɛ+ no nso yɛ Kristo akoa.+ 23 Wɔtɔɔ mo aboɔden;+ monnyɛ nkoa+ mmma nnipa. 24 Anuanom, tebea+ biara a wɔfrɛɛ obiara wɔ mu no, ɔne Onyankopɔn ntena saa ara.
25 Afei ɛdefa mmaabunu ho deɛ, menni ahyɛdeɛ biara a ɛfiri Awurade hɔ, na mmom mereka m’adwene+ sɛ obi a Awurade huu no mmɔbɔ+ sɛ ɔmmɛyɛ ɔnokwafoɔ.+ 26 Enti mesusu sɛ ahohia a yɛwɔ mu nti, ɛyɛ ma onipa sɛ ɔtena hɔ sɛdeɛ ɔteɛ no ara.+ 27 Wofam ɔyere ho anaa?+ Ɛnsɛ sɛ wotete wo ho.+ Woade wo ho afiri ɔyere ho anaa? Nhwehwɛ yere. 28 Na sɛ woware nso a, wonyɛɛ bɔne.+ Sɛ ɔbaabunu ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso wɔn a wɔyɛ saa no ho bɛhiahia wɔn ɔhonam mu.+ Me deɛ, mepɛ sɛ mo ho tɔ mo.
29 Bio nso anuanom, deɛ mereka ne sɛ, berɛ a aka no sua.+ Ɛfiri saa berɛ yi rekɔ no, wɔn a wɔwɔ yere no nyɛ sɛdeɛ wɔnni bie,+ 30 na wɔn a wɔsu nso nyɛ sɛ wɔn a wɔnsu, na wɔn a wɔdi ahurisie ayɛ sɛ wɔn a wɔnni ahurisie, na wɔn a wɔtɔ ayɛ sɛ wɔn a wɔnni bie, 31 na wɔn a wɔde wiase di dwuma+ no mmma wiase nnnye wɔn adwene; ɛfiri sɛ wiase su resesa.+ 32 Me deɛ, mempɛ sɛ dadwene hyɛ mo soɔ.+ Ɔbarima a ɔnwareeɛ no da dwene Awurade nneɛma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ Awurade ani. 33 Na ɔbarima warefoɔ deɛ, ɔda dwene+ wiase nneɛma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne yere ani,+ 34 ne mu akyɛ. Bio nso, ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu da dwene Awurade nneɛma ho,+ sɛdeɛ ɔbɛyɛ kronn ne nipadua ne ne honhom mu. Na ɔbaa warefoɔ deɛ, ɔda dwene wiase nneɛma ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.+ 35 Mo ara mo yiedie nti na mereka yei, ɛnyɛ sɛ mede biribi rekyekyere mo, na mmom sɛdeɛ ɛbɛma moayɛ deɛ ɛfata+ na moatumi asom Awurade daa a biribiara nnye mo adwene.+
36 Nanso sɛ obi dwene sɛ deɛ ɔreyɛ no ne baabunuyɛ ho mfata,+ na sɛ onii no nyɛ abɔfra bio a, ma no nyɛ deɛ ɔpɛ, sɛ saa na ɛsɛ sɛ ɛba a; ɔnyɛɛ bɔne. Ɔnware.+ 37 Na sɛ obi asi gyinaeɛ n’akoma mu, na hwee nhyɛ ne so, na mmom ɔwɔ ɔno ara ne pɛ so tumi, na wasi gyinaeɛ yi ɔno ara n’akoma mu sɛ ɔbɛtena ne baabunuyɛ mu a, wayɛ no yie.+ 38 Na deɛ ɔde ne baabunuyɛ ma awareɛ nso ayɛ no yie,+ nanso deɛ ɔmfa mma awareɛ no ayɛ no yie sene no.+
39 Berɛ a ɔbaa kunu te aseɛ no, wɔakyekyere no.+ Nanso sɛ ne kunu da na wansɔre a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔware obiara a ɔpɛ, nanso Awurade mu nko ara na ɔnyɛ saa.+ 40 Nanso m’adwene ne sɛ, sɛ ɔtena hɔ sɛdeɛ ɔteɛ a, n’ani bɛgye+ mmom. Mesusu sɛ mewɔ Onyankopɔn honhom+ nso.