Yohane
16 “Maka yeinom akyerɛ mo na biribi anto mo suntidua.+ 2 Nkurɔfoɔ bɛtu mo afiri hyiadan mu.+ Nokwasɛm nie, dɔn no reba a obiara a ɔbɛku mo no bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.+ 3 Nanso wɔbɛyɛ yeinom ɛfiri sɛ wɔnnim Agya no anaa me.+ 4 Na maka yeinom akyerɛ mo na sɛ dɔn no duru a, moakae sɛ meka kyerɛɛ mo.+
“Na mfitiaseɛ no manka yeinom ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na mewɔ mo nkyɛn. 5 Na afei merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn,+ nanso mo mu baako mpo mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6 Na ɛsiane sɛ maka yeinom akyerɛ mo nti, awerɛhoɔ+ ahyɛ mo akoma mã. 7 Nanso mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, ɛyɛ ma mo sɛ merekorɔ. Na sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ+ no remma mo nkyɛn da; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. 8 Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiase no adanseɛ a ɛdi mũ afa bɔne ne tenenee ne atemmuo ho:+ 9 deɛ ɛdi kan no, ɛfa bɔne ho,+ ɛfiri sɛ wɔnni me mu gyidie;+ 10 afei ɛfa tenenee ho,+ ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio; 11 afei ɛfa atemmuo ho,+ ɛfiri sɛ wɔabu wiase sodifoɔ no atɛn.+
12 “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei.+ 13 Nanso sɛ ɔno, nokorɛ no honhom no,+ ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɔremmɔ ne tirim nkasa na mmom nsɛm a ɔteɛ no na ɔbɛka, na ɔbɛpae mu aka deɛ ɛreba akyerɛ mo.+ 14 Ɔno na ɔbɛhyɛ me animuonyam,+ ɛfiri sɛ ɔbɛgye deɛ ɛyɛ me dea no bi na wapae mu aka akyerɛ mo.+ 15 Nneɛma a Agya no wɔ nyinaa yɛ me dea.+ Ɛno nti na mekaa sɛ ɔbɛgye deɛ ɛyɛ me dea no bi na wapae mu aka akyerɛ mo no. 16 Aka kakraa bi na monhu me bio,+ na aka kakraa bi nso mobɛhu me.”
17 Ɛnna n’asuafoɔ no bi bisaa wɔn ho wɔn ho sɛ: “Asɛm a ɔreka kyerɛ yɛn yi kyerɛ sɛn, ‘Aka kakraa bi na monhu me bio, nanso aka kakraa bi mobɛsan ahu me,’ ɛne sɛ, ‘ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn’?” 18 Na wɔkaa sɛ: “‘Aka kakraa bi’ a ɔreka no kyerɛ sɛn? Yɛnnim deɛ ɔreka ho asɛm.” 19 Ná Yesu nim+ sɛ wɔpɛ sɛ wɔbisa no, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asɛm a mekaa sɛ, aka kakraa bi na monhu me bio, nanso aka kakraa bi mobɛsan ahu me nti na morebisabisa mo ho nsɛm yi? 20 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mobɛsu abɔ bena, nanso wiase bɛdi ahurisie; mobɛdi awerɛhoɔ,+ nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.+ 21 Ɔbaa, sɛ n’awoɔ duru a, ɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ ne dɔn aduru;+ nanso sɛ ɔnya wo akɔkoaa no a, ɔnkae ahohia no bio ɛsiane anigyeɛ a wanya sɛ wawo onipa aba wiase nti. 22 Mo nso, seesei moredi awerɛhoɔ; nanso mɛhu mo bio ama mo akoma adi ahurisie,+ na obiara ntumi nnye mo anigyeɛ no mfiri mo nsam. 23 Na saa da+ no moremmisa me asɛm biara. Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, biribiara+ a mobɛbisa Agya no ɔde bɛma mo me din mu.+ 24 Ɛbɛsi sɛsɛɛ mommisaa adeɛ baako mpo me din mu. Mommisa na mo nsa bɛka, na mo anigyeɛ ayɛ mã.+
25 “Menam ntotoho+ so na aka nsɛm yi akyerɛ mo. Ɛdɔn no reba a merenkasa nkyerɛ mo ntotoho so bio, na mmom mɛka Agya no ho asɛm akyerɛ mo pefee. 26 Saa da no mobɛbisa wɔ me din mu, nanso ɛnyɛ deɛ mereka ne sɛ mɛsrɛ Agya no ama mo. 27 Na Agya no ara pɛ mo asɛm, ɛfiri sɛ mopɛ m’asɛm+ na moagye adi sɛ mebaa sɛ Agya no nanmusini.+ 28 Mefiri Agya no nkyɛn na ɛbaa wiase. Bio nso merefiri wiase akɔ Agya no nkyɛn.”+
29 N’asuafoɔ no kaa sɛ: “Hwɛ! Afei worekasa pefee, ɛnyɛ ntotoho so. 30 Afei yɛahunu sɛ wonim biribiara+ na ɛnhia wo sɛ obi bisa woɔ.+ Yei nti yɛgye di sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.”+ 31 Yesu buaa wɔn sɛ: “Seesei deɛ mogye di? 32 Hwɛ, dɔn no reba, na nokwasɛm nie, aduru sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fie+ na moagya me nko ara; nanso ɛnkaa me nko ara, ɛfiri sɛ Agya no ka me ho.+ 33 Maka yeinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoeɛ.+ Mo ho rehiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”+