2 Korintofoɔ
11 Me yam a, anka moanya me ho akoma, biribi kakra a nteaseɛ nnim+ nti. Na ampa ara nso, moanya me ho akoma! 2 Na metwe mo ho ninkunu sɛ Onyankopɔn,+ ɛfiri sɛ mahyɛ bɔ sɛ mede mo bɛma ɔbarima+ baako awareɛ+ na mede mo ama Kristo+ sɛ ɔbaabunu a efĩ nkaa no.+ 3 Nanso mesuro sɛ ɛkwan bi soɔ no sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ daadaa Hawa no,+ saa ara na mo nso wɔbɛsɛe mo adwene+ afiri nokorɛdie ne kronnyɛ a ɛsɛ Kristo+ no ho. 4 Na sɛ obi bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm wɔ deɛ yɛkaa ne ho asɛm no akyi,+ anaasɛ monya honhom foforɔ bi wɔ deɛ monyaeɛ no akyi,+ anaa asɛmpa+ foforɔ wɔ deɛ mogyeeɛ no akyi a, mogye no tom ntɛm so.+ 5 Na mahunu sɛ biribiara nni hɔ a mo asomafoɔ ahotefoɔ+ no de kyɛn me.+ 6 Nanso sɛ me ho nkokwaa kasa mu mpo a,+ mente saa wɔ nimdeɛ mu;+ mmom no, yɛfaa kwan biara so daa no adi kyerɛɛ mo biribiara mu.+
7 Anaasɛ mayɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho aseɛ+ na ama wɔama mo so, sɛ mede anigyeɛ kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa?+ 8 Mefom asafo afoforɔ nneɛma, na megyee wɔn nneɛma na ama matumi asom mo;+ 9 nanso berɛ a mewɔ mo nkyɛn a ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa,+ ɛfiri sɛ anuanom a wɔfiri Makedonia+ baeɛ no maa me deɛ ɛhia me biara. Nokorɛm no, manyɛ mo so adesoa wɔ biribiara mu, na mɛhwɛ sɛ merenyɛ saa.+ 10 Meka nokorɛ+ sɛdeɛ anka Kristo bɛyɛ, enti biribiara ntumi nsi m’ahohoahoa yi kwan+ wɔ Akaia nsase so. 11 Adɛn ntira? Menni mo ho dɔ anaa? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo.+
12 Na deɛ mereyɛ no, mɛkɔ so ayɛ,+ na wɔn a wɔrepɛ biribi agyina so ahoahoa wɔn ho sɛ wɔne yɛn yɛ pɛ no annya nnyinasoɔ biara. 13 Na saa nnipa no yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nkontompofoɔ+ a wɔyɛ wɔn ho sɛ Kristo asomafoɔ.+ 14 Na ɛnyɛ nwanwa, ɛfiri sɛ Satan mpo kɔ so ara dane ne ho hann bɔfoɔ.+ 15 Enti sɛ n’asomfoɔ+ nso dane wɔn ho tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade kɛseɛ biara. Nanso ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.+
16 Meka bio sɛ, mma obiara nnsusu sɛ menni adwene. Sɛ nso mosusu saa mpo a, mo deɛ monnye me sɛ obi a ɔnte asɛm ase, na ama me nso mahoahoa me ho kakra.+ 17 Deɛ meka no, ɛnyɛ Awurade na mehwɛ no ka, na mmom meka no sɛ deɛ ɔnte asɛm ase, wɔ ahotɔsoɔ ntrasoɔ a ɛyɛ ahohoahoa mu.+ 18 Ɛsiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho honam fam+ nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. 19 Na mode anigyeɛ gye wɔn a wɔnte asɛm ase, mo a mote asɛm ase. 20 Nokwasɛm ne sɛ mogye obiara a ɔde mo yɛ nkoa,+ obiara a ɔdidi mo ho, obiara a ɔhwim deɛ mowɔ, obiara a ɔma ne ho so mo soɔ, obiara a ɔbɔ mo ani soɔ.+
21 Meka yei de hyɛ yɛn ho aniwuo te sɛ deɛ yɛn tumi mu agoɔ.
Nanso—meka no sɛ deɛ ɔnni adwene+—sɛ onipa foforɔ biara de akokoɔduro yɛ biribi a, me nso mede akokoɔduro yɛ saa ara. 22 Wɔyɛ Hebrifoɔ anaa? Me nso meyɛ bi a.+ Wɔyɛ Israelfoɔ anaa? Me nso meyɛ bi a. Wɔyɛ Abraham asefoɔ anaa? Me nso meyɛ bi a.+ 23 Wɔyɛ Kristo asomfoɔ anaa? Meyi ano te sɛ bɔdamfoɔ, meyɛ bi kyɛn so:+ adwumaden a ɛboro soɔ mu,+ afiasenna a ɛdɔɔso mu,+ ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, na mabɛn owuo mprɛ pii.+ 24 Mprɛ nnum Yudafoɔ nsam medii mmaa aduanan+ maa no kaa so baako, 25 wɔaka me mpire mprɛnsa,+ wɔasi me aboɔ prɛko,+ matena hyɛn mu agu asu mprɛnsa,+ madi bunu mu anadwo ne awia; 26 akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, akwanmukafoɔ mu asiane mu,+ me ara me manfoɔ mu asiane mu,+ amanaman mu asiane mu,+ kuro mu asiane mu,+ wuram asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire+ mu mprɛ pii, ɛkɔm ne sukɔm mu,+ mmuada mu+ mprɛ pii, awɔ ne adagya mu.
28 Nneɛma a ɛbaa me soɔ no da nkyɛn a, deɛ ɛhyɛ me so da biara da ne asafo no nyinaa ho adwendwene.+ 29 Hwan na ɔyɛ mmerɛ+ a menyɛ mmerɛ bie? Hwan na wɔto no suntidua a ɛnhyɛ me abufuo?
30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho+ me mmerɛyɛ ho mmom. 31 Awurade Yesu Agya ne ne Nyankopɔn a ɔfata ayeyie daa no nim sɛ ɛnyɛ atorɔ na meredie. 32 Mewɔ Damasko no, na amrado a ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no rewɛn Damaskofoɔ kuro no apɛ me akye me,+ 33 nanso wɔde me too kɛntɛn+ mu faa mpomma bi mu wɔ fasuo no ho gyaagyaa me maa medwaneeɛ a ne nsa anka me.