Dwom. Asaf+ ayeyi dwom.
83 O Onyankopɔn, nyɛ komm;+
Nka w’ano ntom, O Tweaduampɔn,+ na nyɛ dinn.
2 Hwɛ! w’atamfo yɛ gyegyeegye;+
Na wɔn a wɔkyiri wo kɔkɔkɔkɔ no ama wɔn tiri so.+
3 Wɔnam aniteɛ so tu agyina tia wo man;+
Na wɔbɔ wɔn a wode wɔn ahunta no ho pɔ.+
4 Deɛ wɔka ne sɛ: “Mommra mma yɛmpepa wɔn mfiri hɔ na ɔman no nyera,+
Na wɔankae Israel din bio.”+
5 Wɔbom tu agyina wɔn akoma nyinaa mu;+
Wɔyɛ wo ho apam,+
6 Wɔn a wɔtete Edom+ ntomadan mu ne Ismaelfoɔ ne Moab+ ne Hagrifoɔ,+
7 Gebal ne Ammon+ ne Amalek,
Filistia+ ne wɔn a wɔtete Tiro.+
8 Asiria nso akɔka wɔn ho;+
Wɔayɛ basa ama Lot mma.+ Sela.
9 Yɛ wɔn sɛdeɛ woyɛɛ Midian+ ne Sisera,+
Ne Yabin+ wɔ Kison subɔn+ ho no.
10 Wɔn ase tɔree wɔ En-Dor;+
Wɔbɛyɛɛ asase so sumina.+
11 Wɔn atitire nso, yɛ wɔn sɛ Oreb ne Seeb;+
Yɛ wɔn sɛ Sebah ne Salmuna, wɔn aberempɔn nyinaa;+
12 Wɔn na wɔka sɛ: “Momma yɛnnye Onyankopɔn tenabea mfa.”+
13 O me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ wura a ɛhu korɔ;+
Yɛ wɔn sɛ buronan a mframa rebɔ no.+
14 Sɛdeɛ egya hye kwaeɛ+
Na gyaframa hyehye mmepɔ soɔ no,+
15 Saa ara na fa wo mframaden taa wɔn,+
Na fa w’ahum hunahuna wɔn.+
16 O Yehowa, ma animguaseɛ nka wɔn,+
Na nkurɔfoɔ ahwehwɛ wo din akyiri kwan.+
17 Ma wɔn ani nwu, na wɔn ho nyera wɔn daa;+
Ma wɔn anim ngu ase na wɔnsɛe;+
18 Na nnipa nhunu+ sɛ wo a wo din de Yehowa+ no,
Wo nko ara ne Ɔsorosoroni,+ asase nyinaa so.+