40 Na Yehowa buaa Hiob sɛ:
2 “Ɔtɛnyifoɔ bi bɛtumi ne adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ayiyi nsɛm ano?+
Ma deɛ ɔtene Onyankopɔn soɔ no mmua.”+
3 Ɛnna Hiob buaa Yehowa sɛ:
4 “Ao! Mensɛ hwee.+
Ɛdeɛn na mede bɛyi wo ano?
Mede me nsa ato m’ano.+
5 Prɛko na makasa, na merenkasa bio,
Ne ne mprenu so, na merenka hwee bio.”
6 Ɛnna Yehowa firi ahum+ mu buaa Hiob sɛ:
7 “Bɔ w’asene sɛ dɔmmarima ɛ;+
Ma memmisa wo na kyerɛ me.+
8 Wobɛtumi anya asɛm aka no m’atɛntenenee ho?
Wobɛbu me ɔdebɔneyɛfoɔ na woadi bem?+
9 Anaasɛ wowɔ nokorɛ Nyankopɔn basa no bi,+
Na wobɛtumi de ɛnne te sɛ ne deɛ ama aprannaa abobom?+
10 Fa kɛseyɛ+ ne tumidie+ hyehyɛ wo ho;
Na fa anidie+ ne animuonyam+ fira.
11 Hwie w’abufuo a ɛboro soɔ no,+
Na hwehwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.
12 Hwehwɛ ɔhantanni biara, brɛ no ase,+
Na tiatia nnebɔneyɛfoɔ so baabiara a wɔwɔ.
13 Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu,+
Kyekyere wɔn gu ahuntaeɛ mu,
14 Anka me na mɛkamfo woɔ,
Ɛfiri sɛ wo nsa nifa bɛtumi agye wo.
15 Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo nyinaa no.
Wura na ɔweɛ+ sɛ nantwie.
16 N’asene mu na ne tumi wɔ,
Na n’ahoɔden dodoɔ no+ wɔ ne yafunu ntini mu.
17 Ɔkõa ne dua sɛ tweneduro;
Ne srɛ mu ntini abebare ho.
18 Ne nnompe te sɛ kɔbere dorobɛn;
Ne nnompe mu den te sɛ dadeɛ.
19 Ɔyɛ Onyankopɔn akwan mfitiaseɛ;
Ne Bɔfoɔ+ na ɔbɛtumi de nkrantɛ abɛn no.
20 Mmepɔ na ɛfifiri aduane ma no,+
Na ɛhɔ na wuram mmoa nyinaa di agorɔ.
21 Nkasɛɛ nnua ase na ɔda,
Demmire+ ahuntaeɛ ne ɔwora mu.+
22 Nkasɛɛ nnua nwunu kata ne so;
Subɔn ano nnua twa ne ho hyia.
23 Asubɔnten ano yɛ den a, ɔmfa ahopopoɔ nnwane.
Sɛ Yordan+ yiri bɔ ano mpo a, ɔnsuro.
24 Obi bɛtumi agyina n’anim akye no anaa?
Obi bɛtumi de fidie ahwire ne hwene mu?