Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Sukooko Nkaeɛ so. Miktam. Dawid dwom. Wɔde kyerɛkyerɛ;+ berɛ a ɔne Aram-Naharaim ne Aram-Soba koeɛ, na Yoab bɛkunkum Edomfoɔ a wɔn dodoɔ yɛ mpem dumienu wɔ Nkyene Bɔn mu no.+
60 Onyankopɔn, woato yɛn atwene, woato ahyɛ yɛn so,+
Wo bo afu. Gye yɛn tom bio ɛ.+
2 Woama asase awoso, woama emu apaepae.+
Keka si animu, na awoso.+
3 Woama wo man ahunu amane.+
Woama yɛanom nsã ama yɛretete gu.+
4 Wode ahyɛnsodeɛ+ asi hɔ ama wɔn a wɔsuro woɔ no
Sɛ agyan nti, wɔnnwane nkɔ benkum ne nifa. Sela.
5 Deɛ ɛbɛyɛ na wɔagye w’adɔfo no,+
Yɛsrɛ wo, fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie yɛn.+
6 Onyankopɔn no ara akasa ne kronkronyɛ mu sɛ:+
“Mɛdi ahurisie, mede Sekem bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa;+
Na mɛsusu Sukot asasetamaa ama wɔn.+
7 Gilead yɛ me dea, Manase nso yɛ me dea,+
Na Efraim yɛ me otitire abankɛseɛ;
Yuda yɛ m’ahempoma.+
8 Moab yɛ me dwaresɛn.+
Edom na mɛto me mpaboa atoɔ.+
Filistia ho na mɛbɔ ose.”+
9 Hwan na ɔde me bɛkɔ kuro a wɔatwa ho ahyia no mu?+
Hwan koraa na ɔbɛdi m’anim akɔduru Edom?+
10 Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woato yɛn atwene,+
Na wo ne yɛn asafodɔm nkɔ bio sɛ yɛn Nyankopɔn?+
11 O gye yɛn firi ahohia mu,+
Ɛfiri sɛ mfasoɔ bi nni onipa dasani nkwagyeɛ so.+
12 Onyankopɔn hɔ na yɛbɛnya ahoɔden,+
Na ɔno na ɔbɛtiatia yɛn atamfo soɔ.+