Adiyisɛm
12 Na wɔhunuu sɛnkyerɛnne+ kɛseɛ bi wɔ soro, ɔbaa+ bi a ɔfira awia na bosome wɔ ne nan ase na nsoromma dumienu abotire bɔ ne ti; 2 ná ɔnyem, na ɔreteam wɔ n’awoko yea+ ne n’awoɔ mu amanehunu mu.
3 Na wɔhunuu sɛnkyerɛnne foforɔ wɔ soro, na hwɛ! ɔtweaseɛ+ kɛseɛ kɔkɔɔ bi a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du na ahemmotire nson bobɔ ne ti nie; 4 na ne dua+ twee ɔsoro nsoromma+ nkyɛmu mmiɛnsa mu baako to guu asase so.+ Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa+ a awoɔ aka no+ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene+ ne ba no.
5 Na ɔwoo ɔbabarima+ a ɔde dadeɛ poma+ bɛyɛn aman nyinaa. Na wɔhwim ne ba no kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ n’ahennwa ho.+ 6 Na ɔbaa no dwane kɔɔ serɛ so,+ faako a Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔmma no aduane+ nna apem ahanu aduosia.+
7 Na ɛko baa soro: Mikael+ ne n’abɔfoɔ ne ɔtweaseɛ no koeɛ, na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ ne wɔn koeɛ 8 nanso wɔantumi, na wɔannya tenabea ɔsoro bio. 9 Enti wɔtoo ɔtweaseɛ+ kɛseɛ no tweneeɛ, ɔwɔ+ dada no, deɛ wɔfrɛ no Ɔbonsam+ ne Satan+ a ɔredaadaa asase sofoɔ nyinaa no;+ wɔtoo no twenee asase so,+ na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho guiɛ. 10 Na metee nne kɛseɛ bi wɔ soro sɛ:
“Afei na yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ+ ne n’ahoɔden+ ne n’ahennie+ ne ne Kristo no tumi+ aba, ɛfiri sɛ wɔato deɛ ɔtoto yɛn nuanom ano no atwene, deɛ ɔtoto wɔn ano awia ne anadwo yɛn Nyankopɔn anim no!+ 11 Na wɔdii ne so nkonim+ ɛsiane Adwammaa+ no mogya ne wɔn adansedie+ asɛm no nti, na ɛba sɛ wɔbɛwu mpo a, na wɔnnɔ wɔn kra.+ 12 Yei nti mo ɔsoro ne mo a motete mu,+ momma mo ani nnye! Asase ne ɛpo+ nnue,+ ɛfiri sɛ Ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn na ne bo afu dendeenden, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a aka yɛ tia.”+
13 Afei berɛ a ɔtweaseɛ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase soɔ no,+ ɔtaa ɔbaa+ a ɔwoo ɔbabarima no. 14 Na wɔde ɔkɔdeɛ+ kɛseɛ no ntaban mmienu no maa ɔbaa no sɛ ɔmfa ntu nkɔ ne tenabea wɔ serɛ+ so; ɛhɔ na wɔmaa no aduane+ ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fã+ firii ɔwɔ no anim.+
15 Na ɔwɔ no puu nsuo+ te sɛ asubɔnten firii n’anom dii ɔbaa no akyi sɛ asubɔnten no mfa no.+ 16 Nanso asase bɛboaa ɔbaa no,+ na asase buee n’anom menee asubɔnten a ɔwɔ no pu firii n’anom no. 17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no,+ na ɔne ɔbaa no asefoɔ a aka a wɔdi Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na wɔkura Yesu ho adansedie+ adwuma mu no kɔkoeɛ.