2 Berɛsosɛm
27 Yotam+ bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yerusa+ a ɔyɛ Sadok babaa. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne papa Usia yɛeɛ no ara.+ Ɔno deɛ, wammɔ anwura Yehowa asɔrefie hɔ.+ Nanso na ɔman no gu so reyɛ adebɔne.+ 3 Ɔno na ɔsii Yehowa fie pono a ɛwɔ atifi fam+ no, na ɔsisii adan pii wɔ Ofel+ fasuo no ho. 4 Ɔkyekyeree nkuro+ pii Yuda mmepɔ so,+ na ɔkyekyeree nkuro a ɛyɛ den+ totoo abantenten+ wɔ kwaeɛ+ mu. 5 Na ɔne Ammon+ hene dii ako, na akyire yi ɔdii wɔn so nkonim. Saa afe no, Ammonfoɔ maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo+ kor+ mpem du ne atokoɔ+ nso kor mpem du. Saa ara na Ammonfoɔ tua maa no afe a ɛtɔ so mmienu ne afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.+ 6 Enti Yotam hyɛɛ ne ho den, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan wɔ Yehowa, ne Nyankopɔn anim.+
7 Yotam ho nsɛm a aka,+ n’akodie ne n’akwan nyinaa, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma+ no mu. 8 Ɔbɛdii adeɛ no na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem.+ 9 Na Yotam ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no Dawid Kuro+ mu. Ne ba Ahas+ bɛdii n’adeɛ.