Luka
19 Na ɔhyɛn Yeriko+ a na ɔretwam afa hɔ akɔ. 2 Ná ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Sakeo; na ɔyɛ togyeni panin a ɔyɛ ɔdefoɔ. 3 Na ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛhunu+ onipa korɔ a Yesu yɛ, nanso nnipadɔm no nti na ɔntumi, ɛfiri sɛ na ɔyɛ onipa tiatia. 4 Enti ɔtutuu mmirika dii kan kɔɔ animu kɔforoo ankye dua bi sɛdeɛ ɔbɛhu no, ɛfiri sɛ na ɔbɛtwam afa saa kwan no so. 5 Berɛ a Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakeo, yɛ ntɛm si fam na nnɛ ɛsɛ sɛ metena wo fie.” 6 Ɛno nti, ɔyɛɛ ntɛm sii fam na ɔde ahurisie gyee no hɔhoɔ. 7 Na wɔhunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii+ kaa sɛ: “Ɔbarima yi yɛ ɔdebɔneyɛfoɔ na wakɔsoɛ no.” 8 Na Sakeo sɔre gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: “Hwɛ! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na biribiara a mede nkontompo+ agye afiri obi hɔ no, merebɔ ho mprɛ nnan ama no.”+ 9 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Ɛnnɛ da yi nkwagyeɛ aba fie ha, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.+ 10 Na onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wagye deɛ ayera.”+
11 Berɛ a wɔretie yeinom no ɔsan maa mfatoho bi, ɛfiri sɛ na ɔbɛn Yerusalem, na na wɔsusu sɛ Onyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara.+ 12 Enti ɔkaa sɛ: “Ɔdehyeɛ bi tuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekɔgye ahennie tumi aba.+ 13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du maa wɔn mmɛnnaa du ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa nyɛ adwuma nkɔsi sɛ mɛba.’+ 14 Nanso na ne manfoɔ no tan+ no na wɔtuu abɔfoɔ kɔkaa sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ ɔbarima yi di yɛn so hene.’+
15 “Berɛ a awieeɛ koraa no ɔnyaa ahennie tumi no a ɔsan baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ nkoa a wama wɔn dwetɛ sika no mmrɛ no mma wɔmmɛkyerɛ deɛ wɔayɛ adwuma anya.+ 16 Ɛnna deɛ ɔdi kan no bɛkaa sɛ: ‘Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du.’+ 17 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa! Ɛsiane sɛ woadi ade ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi.’+ 18 Afei deɛ ɔtɔ so mmienu no bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa no woo mmɛnnaa nnum.’+ 19 Ɔka kyerɛɛ oyi nso sɛ, ‘Wo nso, di nkuro nnum so.’+ 20 Na ɔfoforɔ bɛkaa sɛ, ‘Owura, wo bɛnnaa a mede siee ntoma mu no nie. 21 Wonim, na mesuro wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a w’asɛm yɛ den; wofa deɛ womfa nsieeɛ, na wotwa deɛ wonguiɛ.’+ 22 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm+ so na mɛbu wo atɛn. Sɛ́ wonim sɛ meyɛ onipa a m’asɛm yɛ den, mefa deɛ memfa nsieeɛ na metwa deɛ menguiɛ?+ 23 Ɛnneɛ adɛn nti na woamfa me dwetɛ sika no ankɔto sikakorabea? Anka meba a, mɛgye agye nsiho aka ho.’+
24 “Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no sɛ, ‘Monnye bɛnnaa no mfiri ne nsam mfa mma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.’+ 25 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!’— 26 ‘Mese mo sɛ, obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.+ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a wɔampɛ sɛ medi wɔn so hene no mmra ha na mommɛkunkum wɔn m’anim.’”+
28 Enti, ɔkaa yeinom akyi no, ɔsiim de n’ani kyerɛɛ Yerusalem.+ 29 Na berɛ a ɔbɛn Betfage ne Betania a ɛwɔ bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ+ no soɔ no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu mmienu,+ 30 sɛ: “Monkɔ akuraa a mohunu yi ase, na mohyɛn mu a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔamantam no a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra.+ 31 Na sɛ obi bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moresane no?’ a, monka sɛ, ‘Awurade hia no.’”+ 32 Enti wɔn a ɔsomaa wɔn no firii hɔ kɔeɛ na wɔkɔhunuu deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ.+ 33 Na berɛ a wɔresane afunumu no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na moresane afunumu ba no?”+ 34 Wɔkaa sɛ: “Awurade hia no.”+ 35 Na wɔde no kɔmaa Yesu, na wɔtotoo wɔn ntadeɛ ngugusoɔ guu afunumu no so na wɔde Yesu tenaa so.+
36 Berɛ a ɔreba+ no, wɔde wɔn ntadeɛ ngugusoɔ sesɛɛ kwan no mu.+ 37 Ɔreyɛ aduru kwan a ɛsiane firi Ngo Bepɔ soɔ no so pɛ, asuafoɔdɔm no nyinaa firii aseɛ dii ahurisie na wɔyii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenneɛ a wɔahunu no nyinaa ho,+ 38 sɛ: “Nhyira ne Deɛ ɔreba sɛ ɔhene wɔ Yehowa din mu!+ Asomdwoeɛ wɔ soro, na animuonyam wɔ ɔsorosoro nohoa!”+ 39 Nanso, Farisifoɔ bi a wɔwɔ nnipakuo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim.”+ 40 Na ɔbua see wɔn sɛ: “Mese mo sɛ, sɛ yeinom mua wɔn ano a, aboɔ+ bɛteam.”
41 Na ɔbɛn hɔ no, ɔhwɛɛ kuro no suiɛ+ 42 sɛ: “Sɛ wo, anka nnɛ wonim+ deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a—nanso wɔde ahunta wo seesei.+ 43 Ɛfiri sɛ nna no bɛba wo so a w’atamfo de nnua+ a ano yɛ mfeamfeaa bɛtwa wo ho ahyia,+ na wɔaka wo ahyem+ ama wo ho ahiahia+ wo wɔ afã nyinaa, 44 na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam,+ na wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ+ so wo mu, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔbɛhwɛɛ woɔ no.”+
45 Na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ kɔpamoo wɔn a wɔretɔn nneɛma no+ 46 ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Na me fie bɛyɛ mpaebɔ fie,’+ nanso mode ayɛ adwotwafoɔ atɛeɛ.”+
47 Bio nso, ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ daa wɔ asɔrefie hɔ, na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne atwerɛfoɔ no ne nnipa no mu atitire no rehwehwɛ sɛ wɔku no;+ 48 nanso wɔannya ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ, ɛfiri sɛ nnipa no nyinaa tu taree no tiee no.+