Adiyisɛm
4 Yeinom akyi no, mehunuiɛ, na hwɛ! ɛpono bi a wɔabue ano da hɔ wɔ soro, na ɛnne a ɛdi kan a meteeɛ no te sɛ totorobɛnto,+ na ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha,+ na mɛkyerɛ wo nneɛma a ɛtwa sɛ ɛba.”+ 2 Yeinom akyi no, honhom baa me so ntɛm ara: na hwɛ! ahennwa bi+ si soro,+ na obi te ahennwa no so.+ 3 Na deɛ ɔte soɔ no hwɛbea+ te sɛ ahwehwɛboɔ+ ne aboɔdenboɔ kɔkɔɔ, na nyankontɔn+ a ne hwɛbea te sɛ ahahammonoboɔ+ atwa ahennwa no ho ahyia.
4 Ná nhennwa aduonu nnan atwa ahennwa no ho ahyia, na mehunuu sɛ mpanimfoɔ+ aduonu nnan+ a wɔhyehyɛ ntadeɛ ngugusoɔ fitafitaa+ tete nhennwa+ yi soɔ na sika abotire+ bobɔ wɔn ti. 5 Na anyinam+ ne ɛnne ne aprannaa+ firi ahennwa no mu baeɛ; na egya nkanea+ nson redɛre wɔ ahennwa no anim, na yeinom yɛ Onyankopɔn ahonhom nson no.+ 6 Na ɛpo+ a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim sɛ ahwehwɛboɔ.
Na honhom abɔdeɛ nnan+ a ani wowɔ wɔn anim ne wɔn akyi nyinaa no wɔ ahennwa no mfimfini ne ahennwa no ho. 7 Honhom abɔdeɛ a ɔdi kan no te sɛ gyata,+ na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmienu no te sɛ nantwie ba,+ na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so mmiɛnsa+ no anim te sɛ onipa, na honhom abɔdeɛ a ɔtɔ so nnan+ no te sɛ ɔkɔdeɛ a ɔnam wiem.+ 8 Na honhom abɔdeɛ nnan+ no mu biara wɔ ntaban nsia;+ ani ayɛ wɔn ho nyinaa ne wɔn ntaban ase mpo mã.+ Wɔnhome awia ne anadwo, na wɔka sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa+ Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ,+ a na ɔwɔ hɔ, na ɔda so wɔ hɔ+ a ɔreba no.”
9 Na berɛ biara a honhom abɔdeɛ no de animuonyam ne anidie ne aseda+ bɛma Deɛ ɔte ahennwa no so+ a ɔte ase daa daa no,+ 10 mpanimfoɔ aduonu nnan+ no hwehwe fam wɔ Deɛ ɔte ahennwa no soɔ no anim na wɔsom+ Deɛ ɔte ase daa daa no, na wɔtutu wɔn abotire gu ahennwa no anim ka sɛ: 11 “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wogye animuonyam+ ne anidie+ ne tumi,+ ɛfiri sɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,+ na wo pɛ+ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔeɛ.”+