Hesekiel
46 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mfimfini hɔ adihɔ no ponkɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ+ no, wɔnto mu+ nnansia a wɔde yɛ adwuma+ no nyinaa, nanso sɛ ɛduru homeda anaa bosome foforɔ a, wɔmmue.+ 2 Ɔberempɔn no mfiri abɔnten mfa ponkɛseɛ+ no abrannaa kwan so mmɛgyina aponnwa no ano;+ afei asɔfoɔ no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma no, na ɔmmɔ ne mu ase wɔ pono no ano+ na ɔmfiri adi, nanso wɔrento pono no mu kɔsi anwummerɛ. 3 Sɛ ɛduru homeda ne bosome foforɔ a, asase no sofoɔ mmɔ wɔn mu ase wɔ pono no ano, Yehowa anim.+
4 “‘Sɛ ɛduru homeda a, ɔberempɔn no mfa nnwammaa anini nsia a dɛm nni wɔn ho ne odwennini a dɛm nni ne ho mmɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa.+ 5 Na aduane afɔdeɛ nso, ɔmfa efa nka odwennini no ho,+ na nnwammaa no deɛ, ɔmfa aduane a ne nsa bɛso soɔ nka ho,+ na ngo no nso, ɔmfa hin baako nka efa ho.+ 6 Na bosome foforɔ+ no, ɔmfa nantwinini kumaa a dɛm nni ne ho ne nnwammaa anini nsia ne odwennini a dɛm nni wɔn ho mmra.+ 7 Ɔmfa efa baako nka nantwinini kumaa no ho na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho mmɔ aduane afɔdeɛ, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa deɛ ne nsa bɛso soɔ nka ho; na ngo no nso, ɔmfa hin baako nka efa ho.+
8 “‘Sɛ ɔberempɔn+ no reba mu a, ɔmfa pono no ntwonoo mu mmra, na sɛ ɔrefiri adi nso a, ɔmfa hɔ ara nkɔ.+ 9 Na sɛ ɔman no reba Yehowa anim wɔ afahyɛ+ mmerɛ no mu abɛbɔ wɔn mu ase a, deɛ ɔbɛfa atifi fam pono+ no mu aba no mfa anafoɔ fam pono+ no mu mfiri adi; na deɛ ɔbɛfa anafoɔ fam pono no mu aba no mfa atifi fam pono no mu mfiri adi. Obiara mmfa pono a ɔfaa mu baeɛ no mu mmfiri adi; ɔnkɔ n’anim tẽẽ na ɔmfiri adi. 10 Sɛ wɔreba mu a, ɔberempɔn no nka wɔn ho mmra, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔnka wɔn ho nkɔ.+ 11 Na ɛduru afahyɛ+ berɛ anaa nnapɔnna a, yei na wɔmfa mmɔ aduane afɔdeɛ: Ɔmfa efa baako nka nantwinini kumaa ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini ho, na nnwammaa no deɛ, ɔmfa deɛ ne nsa bɛso soɔ nka ho, na ngo no nso, ɔmfa hin baako nka efa ho.+
12 “‘Na sɛ ɔberempɔn no firi ne pɛ mu de n’ayɛyɛdeɛ ba bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Yehowa a, wɔmmue pono a ɛkyerɛ apueeɛ+ fam no mma no, na ɔmfa ne hyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmra sɛdeɛ ɔyɛ homeda+ no. Na sɛ ɔfiri adi a, wɔnto pono no mu.+
13 “‘Fa adwammaa a wadi afe a dɛm nni ne ho bra na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Yehowa daa.+ Fa bra anɔpa biara. 14 Na fa yeinom ka ho na wɔmfa mmɔ aduane afɔdeɛ anɔpa biara: Efa nkyɛmu nsia mu baako ne ngo hin nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a wɔde bɛfete esiam muhumuhu no.+ Wɔbɛbɔ aduane afɔdeɛ ama Yehowa daa, na yei yɛ ahyɛdeɛ a ɛbɛtena hɔ daa. 15 Wɔmfa adwammaa no ne aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo no mmra anɔpa biara sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa.’
16 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Sɛ ɔberempɔn no de agyapadeɛ bi kyɛ ne mma no mu biara a, ɛyɛ ne mma no agyapadeɛ. Ɛbɛyɛ wɔn kyɛfa daa. 17 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi ma n’akoa a, ɛbɛyɛ ne dea akɔsi ahofadie afe+ no, na ɛbɛsan abɛdi ɔberempɔn no nsam. Ne mma no nko ara na n’agyapadeɛ bɛtumi abɛdi wɔn nsam daa. 18 Ɛnsɛ sɛ ɔberempɔn no gye ɔmanfoɔ no biara agyapadeɛ de pamo no firi ne kyɛfa ho.+ Ɔmfa ɔno ara n’agyapadeɛ mma ne mma, na me man anhwete amfiri wɔn agyapadeɛ ho.’”+
19 Na ɔde me faa ɛkwan+ a ɛwɔ pono no nkyɛnmu no so baa asɔfoɔ adidibea kronkron a ani kyerɛ atifi fam no ho,+ na mehunuu bea bi wɔ atɔeɛ fam, akyire hɔ. 20 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛha na asɔfoɔ no bɛnoa asodie afɔrebɔdeɛ+ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ+ no, na ɛha ara na wɔbɛtõ aduane afɔrebɔdeɛ+ no, na wɔamfa biribiara ankɔ akyire hɔ adihɔ hɔ ankɔte nnipa no ho.”+
21 Na ɔde me firii adi baa akyire hɔ adihɔ hɔ, na ɔde me baa adihɔ no ntwea adum nnan no ho. Na mehunuu adihɔ wɔ ntwea adum no biara ho wɔ ha ne ha. 22 Ná adihɔ nketewa bi wowɔ adihɔ no ntwea adum nnan no ho; ne ntwemu yɛ basafa aduanan na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduasa. Na ntwea nnan no nyinaa nsusuiɛ yɛ pɛ. 23 Ná wɔato bamma atwa ntwea nnan no nyinaa ho ahyia, na wɔayɛ bukyia a wɔnoa+ so adeɛ wɔ bamma no ase. 24 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wɔn a wɔnoa adeɛ no adan nie; ɛha na Efie no mu asomfoɔ noa ɔman no afɔrebɔdeɛ.”+