Dwom
Dawid dwom.
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagyeɛ.+
Hwan na mɛsuro no?+
Yehowa ne me nkwa abandenden.+
Hwan na me ho bɛpopo n’anim?+
2 Berɛ a nnebɔneyɛfoɔ baa me so sɛ wɔrebɛdi me nam,+
M’atamfo ne wɔn a wɔkyiri me no,+
Wɔn na wɔsuntiiɛ, na wɔhwehwee aseɛ.+
4 Adeɛ baako na mesrɛ Yehowa+—
Ɛno na mehwehwɛ akyire kwan,+
Sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa,+
Na mahwɛ Yehowa papayɛ,+
Na mede anisɔ ahwɛ n’asɔrefie.+
5 Ɔbɛkora me so ne huntabea ahohia da;+
Ɔde me bɛsie ne ntomadan mu ahuntaeɛ mu;+
Ɔde me bɛgyina botan so+ wɔ sorosoro.
6 Na afei wɔbɛma me ti so wɔ m’atamfo a wɔatwa me ho ahyia nyinaa so;+
Na mede osebɔ bɛbɔ ayeyie afɔdeɛ wɔ ne ntomadan mu;+
Mɛto dwom, mɛto ayeyi dwom ama Yehowa.+
13 Sɛ ɛnyɛ gyidie na menyaa sɛ mɛhunu Yehowa papayɛ wɔ ateasefoɔ asase so+ a—!