2 Tesalonikafoɔ
1 Paulo ne Silwano ne Timoteo+ de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:
2 Adom ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+
3 Anuanom, ɛyɛ yɛn asɛdeɛ, na ɛfata nso sɛ mo nti yɛda Onyankopɔn ase daa,+ ɛfiri sɛ mo gyidie renyini+ boro so, na ɔdɔ a mo nyinaa da no adie no rekɔ so yɛ kɛse.+ 4 Ne saa nti yɛn ara yɛde mo hoahoa yɛn ho+ wɔ Onyankopɔn asafo ahodoɔ no mu ɛsiane boasetɔ ne gyidie a moda no adie wɔ ɔtaa ne ahohia a mohyia nyinaa mu nti.+ 5 Yei na ɛdi Onyankopɔn atemmuo a ɛtene ho adanseɛ,+ na ɛma wɔbu mo sɛ mofata Onyankopɔn ahennie+ a ɛno na morehunu ho amane no.+
6 Deɛ enti a yei te saa ne sɛ ɛtene Onyankopɔn fam sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,+ 7 na mo a mohyia ahohia no deɛ, ɔma mo ne yɛn nya ahome wɔ Awurade Yesu ahoyie+ a ɛfiri soro no mu, ɔne n’abɔfoɔ+ a wɔwɔ tumi no, 8 wɔ gyaframa mu, na ɔde aweredie+ aba wɔn a wɔnnim Onyankopɔn+ ne wɔn a wɔntie+ yɛn Awurade Yesu ho asɛmpa no so.+ 9 Wɔde daa ɔsɛeɛ+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no na wɔafiri Awurade anim ne n’ahoɔden animuonyam no ho,+ 10 berɛ a ɔba ma wɔhyɛ ɔne n’akronkronfoɔ+ animuonyam no, na da no, ne ho bɛyɛ wɔn a wɔgye diiɛ nyinaa nwanwa, ɛfiri sɛ moagye adanseɛ a yɛdiiɛ no adi.
11 Ne saa nti yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mofata ne frɛ no,+ na ɔde tumi ayɛ deɛ ɛsɔ n’ani nyinaa wɔ papayɛ ne gyidie adwuma mu; 12 ɛno bɛma wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu,+ na mo nso moatena ne mu,+ sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom+ no teɛ.