Dawid dwom a wɔde yɛ nkaeɛ.
38 O Yehowa, mfa w’abufuo nka m’anim,+
Na ntene me so, w’abufuhyeɛ mu.+
2 W’agyan awurawura me mu tɔnn,+
Na wo nsa ayɛ duru me so.+
3 W’abufuo nti, me honam baabiara nnwo me.+
Me bɔne nti, me nnompe mu nnwo me.+
4 Me mfomsoɔ aboro me tiri so;+
Ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduro.+
5 M’akuro bɔn, na aporɔ,
Me nkwaseasɛm nti.+
6 Mayɛ basaa, na me mu akuntunu aboro so;+
Da mũ nyinaa mede awerɛhoɔ nenam.+
7 M’asene mu nyinaa hyehye me,
Na me honam baabiara nnwo me.+
8 Madwodwo, na mabubu pasapasa;
M’akoma apinisie nti, mebobom.+
9 O Yehowa, deɛ mepɛ nyinaa wɔ w’anim,
Na m’ahomeguo nhunta wo.+
10 M’akoma bɔ paripari, m’ahoɔden afiri me mu,
Na m’aniwa hann nso atu afiri me ho kɔ.+
11 M’adɔfo ne me nnamfo afiri me yareɛ ho akɔgyina akyiri,+
Na m’amannifoɔ nso akɔgyina akyirikyiri.+
12 Wɔn a wɔhwehwɛ me kra no sum me fidie,+
Na wɔn a wɔpɛ sɛ mmusuo ba me soɔ no ka amanehunu ho asɛm.+
Wɔka nnaadaasɛm da mũ nyinaa.+
13 Nanso me deɛ, mayɛ sɛ ɔsotifoɔ, na mentie;+
Mayɛ sɛ mum, na memmue m’ano.+
14 Mayɛ sɛ onipa a ɔnte asɛm,
Na anoyie biara nni m’anom.
15 Wo, Yehowa, na metwɛnee woɔ;+
Na wobuaa me, O Yehowa, me Nyankopɔn.+
16 Mekaa sɛ: “Sɛ woammua a, anka wɔbɛdi me ho ahurisie;+
Sɛ me nan watiri+ a, anka wɔbɛmema wɔn ho so atia me.”+
17 Anka mereyɛ awatiri,+
Na me yea wɔ m’anim daa nyinaa.+
18 Mekaa me mfomsoɔ;+
Na me bɔne danee me adwendwene.+
19 M’atamfo ahoɔdenfoɔ no yɛɛ nnɔmmarima,+
Na wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.+
20 Wɔde bɔne tuaa adepa a meyɛeɛ so ka;+
Na adepa a medi akyire nti, wɔko tiaa me.+
21 Yehowa, nnya me.
O me Nyankopɔn, mma wo ne me ntam nnware.+
22 Yɛ ntɛm bɛboa me,+
O Yehowa, m’agyenkwa.+