Hebrifoɔ
3 Enti, anuanom a moyɛ kronkron a moka ɔsoro frɛ+ ho no, monhwɛ ɔsomafoɔ+ ne ɔsɔfo panin a yɛpae mu ka ne ho asɛm+ no—Yesu. 2 Ɔdii Onii a ɔyii no no nokorɛ+ sɛdeɛ Mose+ nso dii Onii no fie nyinaa mu nokorɛ no.+ 3 Na wɔbu ɔno sɛ ɔfata animuonyam+ sene Mose, sɛdeɛ deɛ+ ɔsi fie no wɔ anidie sene fie no.+ 4 Nokorɛm no, efie biara obi na ɔsie, na deɛ ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.+ 5 Na Mose dii Onii no fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ+ de dii nsɛm a wɔbɛka no akyire yi ho adanseɛ,+ 6 na Kristo deɛ, ɔdii Onii no fie so nokorɛ sɛ Ɔba.+ Onii no fie no ne yɛn,+ nanso gye sɛ yɛsɔ nnamyɛ a yɛde kasa ne anidasoɔ a yɛde hoahoa yɛn ho no mu pintinn kɔsi aseɛ.+
7 Yei nti, sɛdeɛ honhom kronkron+ ka no: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ 8 mommpirim mo akoma sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo no,+ te sɛ sɔhwɛ da no+ wɔ serɛ so hɔ,+ 9 berɛ a mo agyanom gyegyee me sɔɔ me hwɛeɛ, ɛmfa ho sɛ na wɔahunu me nnwuma+ mfeɛ aduanan+ no. 10 Yei nti na awoɔ ntoatoasoɔ yi bɛyɛɛ akyiwadeɛ maa me, na mekaa sɛ, ‘Wɔyera wɔ wɔn akoma mu daa,+ na wɔnhunuu m’akwan.’+ 11 Enti mekaa ntam m’abufuo mu sɛ, ‘Wɔrenhyɛn+ me home mu.’”+
12 Anuanom, monhwɛ yie na akoma bɔne a ɛnni gyidie amma mo mu biara mu da, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ no ho;+ 13 mmom no monkɔ so ntutu mo ho fo+ da biara a wɔfrɛ no “Ɛnnɛ”+ no, na bɔne nnaadaa+ nti, mo mu biara ansene ne kɔn. 14 Na gye sɛ yɛsɔ ahotɔsoɔ a yɛnya firii mfitiaseɛ no mu pintinn kɔsi awieeɛ ansa na yɛanya Kristo mu kyɛfa+ ampa,+ 15 berɛ a wɔka sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ mote Onyankopɔn nne a,+ mommpirim mo akoma sɛ berɛ a wɔhyɛɛ me abufuo no.”+
16 Na hwannom na wɔteeɛ nanso wɔhyɛɛ no abufuo no?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔfirii Egypt a na wɔhyɛ Mose ase no nyinaa?+ 17 Bio nso, hwannom na Nyankopɔn buu wɔn akyiwadeɛ mfeɛ aduanan?+ Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu serɛ soɔ no?+ 18 Na hwannom bio na ɔkaa wɔn ntam+ sɛ wɔrenhyɛn ne home mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔde asoɔden yɛɛ adeɛ no?+ 19 Enti yɛhunu sɛ gyidie a wɔannya nti na wɔantumi anhyɛn mu.+