Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. Ayeyi dwom.
47 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam.+
Momfa ahurisie nne mmɔ ose mma Onyankopɔn.+
2 Na Yehowa, Ɔsorosoroni no, ho yɛ hu,+
Ɔyɛ Ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.+
3 Ɔbɛka aman agu wɔ yɛn ase,+
Na ɔde amanaman bɛhyɛ yɛn nan ase.+
4 Ɔbɛyi yɛn agyapadeɛ ama yɛn,+
Agyapadeɛ a Yakob a ɔdɔ no no de hoahoa ne ho.+ Sela.
5 Onyankopɔn de osebɔ aforo kɔ ne tenabea,+
Yehowa de abɛn nne kɔ.+
6 Monto ayeyi dwom mma Onyankopɔn, monto dwom.+
Monto ayeyi dwom mma yɛn Hene, monto dwom.
7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so Hene;+
Monto ayeyi dwom, momfa nhunumu nyɛ adwuma.+
8 Onyankopɔn na ɔyɛ amanaman so hene.+
Onyankopɔn atena n’ahennwa kronkron no so.+
9 Aman atitire aboaboa wɔn ano,+
Wɔne Abraham Nyankopɔn man.+
Ɛfiri sɛ asase so akyɛm nyinaa yɛ Onyankopɔn dea.+
Wama ne ho so kɔ sorosoro nohoa.+