Romafoɔ
15 Nanso ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den no soa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛyɛ,+ na ɛnsɛ sɛ yɛsɔ yɛn ara yɛn ani.+ 2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani wɔ deɛ ɛyɛ a ɛbɛma wayɛ den mu.+ 3 Na Kristo mpo ansɔ ɔno ara n’ani;+ na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a na wɔbɔ wo ahohora no ahohorabɔ aba me so.”+ 4 Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ+ ama yɛn nkyerɛkyerɛ,+ na yɛnam yɛn boasetɔ+ ne Twerɛnsɛm no mu awerɛkyekyerɛ+ so anya anidasoɔ.+ 5 Na Onyankopɔn a ɔma boasetɔ ne awerɛkyekyerɛ no mma monnya adwenkorɔ+ no ara a na Kristo Yesu wɔ no bi wɔ mo mu, 6 na moafiri adwenkorɔ+ mu de nokorɔ ahyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya animuonyam.
7 Enti monnye mo ho mo ho,+ sɛdeɛ Kristo nso gyee yɛn no,+ na ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. 8 Na mese Kristo bɛyɛɛ twetiafoɔ+ somfoɔ+ paa de kyerɛɛ Onyankopɔn nokorɛdie,+ na ɔde ahyɛ bɔ a ɔhyehyɛɛ wɔn agyanom no mu den,+ 9 na ama amanaman+ no ahyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ ne mmɔborɔhunu+ ho. Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din amanaman mu, na mɛto ayeyi dwom ama wo din.”+ 10 Na ɔka nso sɛ: “Amanaman, mo ne ne man ani nnye.”+ 11 Ɔka bio sɛ: “Aman nyinaa, monyi Yehowa ayɛ, na momma nnipa nyinaa nkamfo no.”+ 12 Na bio nso Yesaia ka sɛ: “Yese nhini bɛba,+ na obi bɛsɔre abɛdi amanaman so;+ ɔno na amanaman de wɔn ani bɛto ne soɔ.”+ 13 Onyankopɔn a ɔma anidasoɔ no mfa gye a mogye die so mma anigyeɛ ne asomdwoeɛ nyinaa nyɛ mo mã, na moaboro so anidasoɔ mu wɔ honhom kronkron ahoɔden+ mu.
14 Me nuanom, me ara nso megye tom sɛ papayɛ ahyɛ mo nso mã sɛdeɛ nimdeɛ nyinaa ahyɛ mo mã+ no, na mobɛtumi atutu mo ho fo+ nso. 15 Nanso deɛ enti a meretwerɛ mo penpen wɔ nsɛm bi ho, te sɛ deɛ mede rekae+ mo bio no ne adom a Onyankopɔn de adom me+ 16 sɛ menyɛ Yesu Kristo badwam somfoɔ mma amanaman+ no, na menyɛ Onyankopɔn asɛmpa+ no ho adwuma kronkron no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ayɛyɛdeɛ,+ a ɛne amanaman yi, bɛyɛ deɛ ɛsɔ ani,+ honhom kronkron+ a wɔde ate ho nti.
17 Enti nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho+ deɛ, mewɔ deɛ mɛgyina so adi ahurisie wɔ Kristo Yesu mu.+ 18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribi so gye deɛ Kristo nam me so yɛ+ maa amanaman mufoɔ yɛɛ setie+ no; ɔnam m’asɛm+ ne m’adwuma so, 19 nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ tumi so, honhom kronkron tumi so; enti maka Kristo asɛmpa no awie koraa+ firi Yerusalem de akɔpem Iliriko akɔ abɛsi.+ 20 Saa kwan yi so no, mede yɛɛ me botaeɛ paa sɛ merenka asɛmpa no wɔ baabi a wɔabɔ Kristo din wɔ hɔ dada, na manto ɔfoforɔ nhyɛaseɛ so;+ 21 na mmom, sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no bɛte aseɛ.”+
22 Ɛno nso nti na mprɛ pii no mannya kwan amma mo nkyɛn no.+ 23 Nanso seesei a menni asase bi bio a menyɛɛ mu adwuma wɔ mpɔtamu ha, na m’ani agyina mfeɛ pii nie sɛ mɛba mo nkyɛn+ nti, 24 berɛ biara a mɛsi kwan so sɛ merekɔ Spania+ no, m’ani da so paa sɛ mɛhu mo anim, na sɛ me ne mo bɔ ma menya akomatɔyam kakra a, moagya me kwan+ kakra ama makɔ hɔ. 25 Nanso seesei deɛ, merebɛkɔ Yerusalem akɔsom akronkronfoɔ+ no. 26 Na wɔn a wɔwɔ Makedonia ne Akaia+ no ani gye sɛ wɔde deɛ wɔwɔ ma sɛ ntoboa+ kɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafoɔ. 27 Ɛwom, wɔde anigyeɛ na ɛyɛɛ saa, nanso na wɔde wɔn ka; ɛfiri sɛ sɛ amanaman no anya wɔn honhom fam nneɛma no bi+ a, ɛsɛ sɛ wɔn nso de honam fam nneɛma som wɔn+ bie. 28 Enti sɛ mewie yei na mesɔ aba+ yi ano de kɔma wɔn a, mɛfa mo hɔ akɔ Spania.+ 29 Bio nso, menim sɛ menya ba mo nkyɛn a, mede Kristo nhyira a abu soɔ bɛba.+
30 Afei anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne honhom no dɔ so tu mo fo+ sɛ momfa animia nka me ho mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ mma me,+ 31 na wɔayi me+ afiri wɔn a wɔnnye nnie nsam wɔ Yudea, na akronkronfoɔ+ no ani agye me som adwuma a merekɔyɛ no Yerusalem+ no ho, 32 na Onyankopɔn pɛ so meba mo nkyɛn anigyeɛ mu a, me ne mo nyinaa ho asan yɛn.+ 33 Onyankopɔn a ɔma asomdwoeɛ no ne mo nyinaa ntena.+ Amen.