Asomafoɔ Nnwuma
23 Paulo hwɛɛ Sanhedrin badwa no dinn kaa sɛ: “Mmarima, anuanom, mede ahonim+ pa abɔ me bra Onyankopɔn anim abɛsi nnɛ da yi.” 2 Na ɔsɔfo panin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyinagyina ne nkyɛn no sɛ wɔmmɔ+ n’ano so. 3 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ no sɛ: “Onyankopɔn rebɛbɔ wo, wo ɔfasuo a wɔaka ho fitaa.+ Wotena ase bu me atɛn sɛdeɛ Mmara+ no teɛ, na berɛ korɔ no ara nso wobu Mmara no so+ hyɛ sɛ wɔmmɔ me?” 4 Wɔn a wɔgyinagyina hɔ no kaa sɛ: “Onyankopɔn sɔfo panin na worekasa tia no yi?” 5 Ɛnna Paulo kaa sɛ: “Anuanom, mennim sɛ ɔyɛ sɔfo panin. Na wɔatwerɛ sɛ, ‘Nka wo manfoɔ sodifoɔ ho asɛmmɔne.’”+
6 Afei berɛ a Paulo hunuu sɛ nnipa no fã yɛ Sadukifoɔ+ na fã nso yɛ Farisifoɔ no, ɔteaam wɔ Sanhedrin badwa no mu sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini,+ Farisifoɔ ba. Owusɔreɛ+ ho anidasoɔ ho nti na wɔrebu me atɛn yi.”+ 7 Ɛsiane sɛ ɔkaa yei nti, ɛyɛɛ akasakasa+ wɔ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ntam, na nnipa no mu kyɛɛ mmienu. 8 Ɛfiri sɛ Sadukifoɔ+ no ka sɛ owusɔreɛ+ anaa abɔfoɔ anaa honhom nni hɔ, na Farisifoɔ no deɛ, wɔgye ne nyinaa di. 9 Enti ɛhɔ yɛɛ gyegyeegye,+ na atwerɛfoɔ a wɔfiri Farisifoɔ kuo mu binom sɔre kasakasaa dendeenden sɛ: “Yɛnhunu mfomsoɔ biara wɔ onipa yi ho;+ nanso sɛ honhom anaa ɔbɔfoɔ kasa kyerɛɛ no a,+—.” 10 Afei berɛ a akasakasa no yɛɛ kɛse no, na ɔsahene no suro sɛ wɔbɛtete Paulo mu asinasini, enti ɔhyɛɛ asraafoɔ+ no sɛ wɔnkɔgye no mfiri wɔn nsam mfa no mmra asraafoɔ asoɛeɛ hɔ.+
11 Anadwo a ɛdi hɔ no, Awurade bɛgyinaa ne nkyɛn+ kaa sɛ: “Nya akokoɔduro!+ Na sɛdeɛ woadi me ho adanseɛ+ fekɔfekɔ wɔ Yerusalem no, saa ara na ɛsɛ sɛ wodi adanseɛ wɔ Roma nso.”+
12 Na adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ no pam Paulo tiri so+ kekaa wɔn ho ntam+ sɛ wɔrennidi na wɔrennom kɔsi sɛ wɔbɛku no.+ 13 Nnipa bɛboro aduanan na wɔkekaa ntam de pam ne tiri soɔ. 14 Ɛnna wɔkɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ+ no ne mpanimfoɔ no hɔ kɔkaa sɛ: “Yɛaka ntam dendeenden sɛ yɛremfa aduane nka yɛn ano kɔsi sɛ yɛbɛkum Paulo. 15 Enti, afei, mo ne Sanhedrin no mma ɔsahene no nhunu deɛ enti a ɛsɛ sɛ ɔde no brɛ mo no fann te sɛ deɛ mopɛ sɛ mohunu ne nsɛm no mu yie.+ Nanso ansa na ɔbɛduru ha no, na yɛahunu kwan a yɛbɛfa so ayi no hɔ.”+
16 Nanso Paulo wɔfase tee sɛ nkurɔfoɔ no akɔtetɛ no,+ enti ɔbaa asraafoɔ asoɛeɛ hɔ bɛbɔɔ Paulo amanneɛ. 17 Ɛno nti Paulo frɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa aberanteɛ yi kɔ ɔsahene hɔ, na ɔwɔ amanneɛbɔ bi ma no.” 18 Ɛnna ɔfaa no de no kɔmaa ɔsahene no sɛ: “Ɔdeduani Paulo frɛɛ me srɛɛ me sɛ memfa aberanteɛ yi mmrɛ wo, na ɔwɔ biribi ka kyerɛ wo.” 19 Ɔsahene no sɔɔ ne nsa twee no+ kɔɔ nkyɛn na ɔfirii aseɛ bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” 20 Ɔkaa sɛ: “Yudafoɔ no ayɛ adwene sɛ wɔbɛsrɛ wo ama wode Paulo abrɛ Sanhedrin no ɔkyena te sɛ deɛ wɔpɛ sɛ wɔhunu ne nsɛm mu yie.+ 21 Nanso mma wɔnnnane w’adwene, ɛfiri sɛ nnipa bɛboro aduanan akɔtetɛ+ no, na wɔaka ntam sɛ wɔrennidi na wɔrennom kɔsi sɛ wɔbɛku no;+ na wɔayɛ krado seesei retwɛn sɛ wobɛma wɔn ho kwan.” 22 Enti ɔsahene no maa aberanteɛ no kɔeɛ na ɔhyɛɛ no sɛ: “Nka nkyerɛ obiara sɛ woada nsɛm yi adi akyerɛ me.”
23 Na ɔfrɛɛ asraafoɔ mpanimfoɔ mmienu kaa sɛ: “Momma asraafoɔ ahanu ne apɔnkɔsotefoɔ aduɔson ne wɔn a wɔkurakura mpea ahanu nsiesie wɔn ho nkɔ Kaesarea anadwo dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa* no mu. 24 Afei nso monhwehwɛ apɔnkɔ mma Paulo ntena so nkɔ amrado Felike hɔ dwoodwoo.” 25 Na ɔtwerɛɛ krataa a nsɛm a ɛwom ne sɛ:
26 “Me, Klaudio Lisia, metwerɛ kɔma onimuonyamfoɔ Amrado Felike:+ Mekyea wo! 27 Yudafoɔ kyee ɔbarima yi a anka wɔreku no, nanso ntɛm ara na mede asraafoɔdɔm kɔgyee no,+ ɛfiri sɛ mehunuu sɛ ɔyɛ Romani.+ 28 Na mepɛɛ sɛ mehunu soboɔ a wɔrebɔ no nti, mede no baa wɔn Sanhedrin badwa no anim.+ 29 Mehunu sɛ deɛ wɔde abɔ no soboɔ no fa wɔn mmara no mu nsɛm bi ho,+ nanso wɔmfaa asɛm baako mpo ntoo ne so a ɛsɛ sɛ ɔwuo anaasɛ wɔgu no mpokyerɛ.+ 30 Nanso ɛsiane sɛ wɔayi me asotire sɛ wɔabɔ ɔbarima no ho pɔ+ bi nti, mede no rebrɛ wo ntɛm ama wɔn a wɔwɔ biribi tia no no abɛbɔ wɔn nkuro w’anim.”+
31 Enti asraafoɔ+ yi faa Paulo sɛdeɛ wɔahyɛ wɔn no de no baa Antipatri anadwo no. 32 Adeɛ kyeeɛ no, wɔmaa apɔnkɔsotefoɔ no kwan maa wɔde no kɔeɛ, na wɔsan baa asraafoɔ asoɛeɛ hɔ. 33 Apɔnkɔsotefoɔ no kɔɔ Kaesarea+ de krataa no kɔmaa amrado no na wɔde Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Afei berɛ a ɔkenkan wieeɛ no, ɔbisaa no ɔmantam ko a ɔfiri mu, na ɔhunuu+ sɛ ɔfiri Kilikia.+ 35 Ɔkaa sɛ “Sɛ wɔn a wɔabɔ wo soboɔ no nso ba a,+ mɛyɛ aso atie wo yie.” Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnhwɛ ne so wɔ Herode aban mu.