Dawid dwom.
א [ʼAʹleph]
25 O Yehowa, wo na mema me kra so kyerɛ woɔ.+
ב [Behth]
2 O me Nyankopɔn, wo na mede me ho to wo soɔ;+
Mma m’anim nngu ase da.
Mma m’atamfo nnni me ho ahurisie.+
ג [Giʹmel]
3 Ampa, wɔn a wɔnya wo mu anidasoɔ no biara ani renwu.+
Na wɔn a wɔtwa nkontompo kwa no deɛ, wɔn ani bɛwu.+
ד [Daʹleth]
4 O Yehowa, ma menhunu w’akwan;+
Kyerɛkyerɛ me w’atempɔn.+
ה [Heʼ]
5 Ma mennante wo nokorɛ mu na kyerɛkyerɛ me,+
Ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn.+
ו [Waw]
M’ani da wo so daa nyinaa.+
ז [Zaʹyin]
6 O Yehowa, kae wo mmɔborɔhunu+ ne w’adɔeɛ+ no,
Ɛwɔ hɔ firi tete.+
ח [Chehth]
7 Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mmarato.+
Kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ,+
O Yehowa, wo papayɛ nti.+
ט [Tehth]
8 Yehowa yɛ, na ɔtene.+
Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛ abɔnefoɔ wɔ kwantenenee soɔ.+
י [Yohdh]
9 Ɔbɛma ahobrɛasefoɔ anante n’atemmusɛm mu,+
Na wakyerɛkyerɛ ahobrɛasefoɔ ne kwan.+
כ [Kaph]
10 Yehowa atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ
Ma wɔn a wɔdi n’apam+ ne ne nkaesɛm+ soɔ.
ל [Laʹmedh]
11 O Yehowa, wo din nti,+
Fa me mfomsoɔ firi me, na ɛdɔɔso pii.+
מ [Mem]
12 Hwan na ɔsuro Yehowa?+
Ɔno na ɔbɛkyerɛkyerɛ no ɛkwan a ɔbɛfa soɔ.+
נ [Nun]
13 Papayɛ mu na ne kra bɛtena,+
Na n’asefoɔ na wɔbɛnya asase no adie.+
ס [Saʹmekh]
14 Wɔn a wɔsuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimusɛm,+
Na n’apam nso, ɔma wɔhunu mu.+
ע [ʽAʹyin]
15 M’ani hwɛ Yehowa+ daa,
Ɛfiri sɛ ɔno na ɔyi me nan firi asau mu.+
פ [Peʼ]
16 Dane w’ani kyerɛ me, na dom me,+
Ɛfiri sɛ mayɛ ankonam, na mayɛ mmɔbɔ.+
צ [Tsa·dhehʹ]
17 M’akoma mu ahohia adɔɔso;+
Gye me firi m’adwendwene mu.+
ר [Rehsh]
18 Hwɛ m’amanehunu ne me haw,+
Na fa me bɔne nyinaa kyɛ me.+
19 Hwɛ sɛdeɛ m’atamfo adɔɔso;+
Wɔkyiri me kɔkɔkɔkɔ.+
ש [Shin]
20 Hwɛ me kra so na gye me.+
Mma m’anim nngu ase, ɛfiri sɛ madwane abɛtoa wo.+
ת [Taw]
21 Ma akoma a ɛdi mu ne teeyɛ mmɔ me ho ban,+
Ɛfiri sɛ m’ani da wo so.+
22 Onyankopɔn, gye Israel, wɔn ahohia nyinaa mu.+