Filemon
1 Me, Paulo a Kristo Yesu nti meyɛ ɔdeduani,+ a yɛn nua Timoteo+ ka me ho, meretwerɛ akɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,+ 2 ne yɛn nuabaa Apia ne afei Arkipo,+ yɛn yɔnko sraani,+ ne asafo a ɛwɔ wo fie+ no:
3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo hɔ nka mo.+
4 Berɛ biara a mɛkae wo me mpaebɔ mu+ no, meda me Nyankopɔn ase 5 sɛ daa mete ɔdɔ ne gyidie a wowɔ no Awurade Yesu ne akronkronfoɔ+ nyinaa fam no ho asɛm, 6 na ama gyidie+ a wo ne afoforɔ wɔ no ada adi, ɛfiri sɛ wogye adepa biara a yɛwɔ tom sɛ ɛfa Kristo ho. 7 Na wo dɔ nti, menyaa anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ+ bebree, ɛfiri sɛ wodwodwoo akronkronfoɔ akoma,+ onua.
8 Enti ɛwom sɛ anka mɛtumi aka no pen wɔ Kristo mu de ahyɛ wo+ ama woayɛ deɛ ɛsɛ deɛ, 9 nanso mede ɔdɔ+ mmom na ɛresrɛ woɔ, ɛsiane sɛdeɛ meteɛ nti, akora Paulo a seesei nso Kristo Yesu nti meyɛ ɔdeduani+ no; 10 meresrɛ wo ama m’abɔfra+ Onesimo+ a mebɛyɛɛ ne papa+ wɔ m’afiase mpokyerɛ mu, 11 deɛ berɛ bi a atwam no na ne so nni wo mfasoɔ nanso seesei deɛ ne ho hia wo ne me nyinaa no.+ 12 Ɔno na merema no asan aba wo nkyɛn, aane, deɛ m’akoma da ne soɔ no.+
13 Anka mepɛ sɛ mema no tena me nkyɛn, na wasi w’ananmu+ akɔ so asom me asɛmpa no ho wɔ afiase mpokyerɛ+ mu. 14 Nanso mempɛ sɛ mefiri w’akyi yɛ biribiara, na anyɛ sɛ wo papayɛ no firi nhyɛ mu, na mmom wo ara wo pɛ mu.+ 15 Ebia yei nti na ɔtee ne ho kakra, na ama woanya no daa, 16 ɛnyɛ sɛ akoa bio,+ na mmom deɛ ɔsene akoa,+ sɛ ɔmmɛyɛ onua dɔfo,+ ne titire no wɔ me fam, nanso ɔbɛyɛ deɛ ɛboro saa ama wo wɔ honam fam ne afei Awurade mu. 17 Enti sɛ wobu me sɛ yɔnkoɔ+ deɛ a, gye+ no fɛ so sɛdeɛ anka wobɛgye me no. 18 Bio nso, sɛ wayɛ wo bɔne bi anaa ɔde wo ka bi a, me na mɛtua wo ka. 19 Me Paulo, me ara na mede me nsa retwerɛ:+ mɛtua ahyɛ mu—wo koraa nso wode me ka. 20 Aane, onua, ma mennya wo ho mfasoɔ Awurade mu: dwodwo m’akoma+ wɔ Kristo mu.
21 Meretwerɛ woɔ yi, mewɔ ahotɔsoɔ sɛ wobɛtie, na menim nso sɛ wobɛyɛ aboro deɛ mereka no mpo.+ 22 Na ɛno akyi nso siesie tenabea+ ma me, ɛfiri sɛ m’ani da so sɛ ɛnam mo mpaebɔ+ soɔ no, wɔbɛyi me+ ama mo.
23 Epafra,+ me yɔnko deduani wɔ Kristo Yesu mu kyea wo, 24 ɔne Marko, Aristarko,+ Dema,+ ne Luka, me mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ.