Romafoɔ
6 Enti ɛdeɛn na yɛnka? Yɛntena bɔne mu, na adom adɔɔso anaa?+ 2 Dabida! Sɛ yɛawu ama bɔne+ a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛakɔ so atena ase wɔ mu?+ 3 Anaasɛ monnim sɛ yɛn a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu+ no nyinaa, wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ ne wuo mu?+ 4 Enti wɔnam asu a wɔbɔɔ yɛn kɔɔ ne wuo mu no so siee+ yɛne no, na sɛdeɛ wɔnam Agya no animuonyam so nyanee Kristo firii awufoɔ mu+ no, yɛn nso yɛanante asetena foforɔ mu+ saa ara. 5 Na sɛ yɛne no ayɛ baako wɔ ɛkwan a ɔfaa so wuiɛ+ mu a, ɛnneɛ ɛkwan biara so yɛne no bɛyɛ baako wɔ ne nyane nso mu;+ 6 ɛfiri sɛ yɛnim sɛ wɔde yɛn nipasu dada no aka ne ho abɔ asɛndua mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn nipadua a bɔne aka no no ntumi nyɛ adwuma,+ na yɛankɔ so anyɛ bɔne nkoa+ bio. 7 Ɛfiri sɛ deɛ wawuo no, wɔabu no bem afiri ne bɔne ho.+
8 Afei nso, sɛ yɛne Kristo awu a, yɛgye di sɛ yɛne no bɛtena ase+ nso. 9 Na yɛnim sɛ seesei a wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu+ no, ɔrenwu bio;+ owuo nni ne so tumi bio. 10 Na wu a ɔwuiɛ no, ɔwu maa bɔne prɛko;+ nanso ase a ɔteɛ no deɛ, ɔte ma Onyankopɔn.+ 11 Saa ara na mo nso: mommu mo ho sɛ moawu+ ama bɔne, na mote ase+ ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.
12 Enti mommma bɔne nnkɔ so nnni hene+ mo nipadua a ɛbɛwuo no so, na monntie n’akɔnnɔ.+ 13 Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo akwaa ma bɔne+ sɛ amumuyɔ akodeɛ,+ na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyane+ afiri awufoɔ mu, na momfa mo akwaa mma Onyankopɔn sɛ tenenee akodeɛ.+ 14 Na ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, ɛfiri sɛ monni mmara ase,+ na mmom adom ase.+
15 Afei ɛdeɛn? Ɛsiane sɛ yɛnni mmara+ ase na mmom yɛwɔ adom+ ase nti yɛnyɛ bɔne anaa? Dabida! 16 Monnim sɛ obiara a mode mo ho ma no sɛ nkoa na motie no no, tie a motie no nti ɔno na moyɛ ne nkoa,+ sɛ́ ɛyɛ bɔne+ a ɛkɔ owuo mu+ anaa ɔsetie+ a ɛkɔ tenenee mu+ no? 17 Nanso aseda nka Onyankopɔn sɛ na moyɛ bɔne nkoa, na afei deɛ mofiri akoma mu ayɛ ɔsetie ama nkyerɛkyerɛ a wɔde mo ahyɛ aseɛ+ no. 18 Aane, ɛsiane sɛ wɔmaa modee mo ho+ firii bɔne ho nti, mobɛyɛɛ tenenee+ nkoa.+ 19 Ɛsiane mo honam+ a ɛyɛ mmerɛ nti, mede nnipa kasa na ɛrekasa kyerɛ mo: na sɛdeɛ mode mo akwaa+ yɛɛ nkoa maa efĩ+ ne mmaratodeɛ de kɔɔ mmaratodeɛ mu no, saa ara na afei momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma tenenee nkɔ ahoteɛ mu.+ 20 Ɛfiri sɛ berɛ a na moyɛ bɔne nkoa+ no, na moade mo ho afiri tenenee ho.
21 Ɛnneɛ aba+ bɛn na na mowɔ saa berɛ no? Nneɛma+ a seesei ɛyɛ mo aniwuo. Na saa nneɛma no awieeɛ yɛ owuo.+ 22 Nanso afei, ɛsiane sɛ wɔmaa modee mo ho firii bɔne ho na mobɛyɛɛ Onyankopɔn nkoa+ nti, moreso aba+ wɔ kronkronyɛ kwan so, na n’awieeɛ yɛ daa nkwa.+ 23 Ɛfiri sɛ bɔne akatua ne owuo,+ na akyɛdeɛ+ a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu soɔ.+