Hebrifoɔ
5 Na ɔsɔfo panin biara a wɔyi no firi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfoɔ ma no yɛ Onyankopɔn som adwuma+ ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ ama.+ 2 Ɔtumi ne nnipa a wɔnnim na wɔfom di no bɔkɔɔ, ɛfiri sɛ ɔno ara nso mmerɛyɛ atwa ne ho ahyia,+ 3 na ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔmanfoɔ no ara.+
4 Afei nso, obi mma ɔno ara ne ho saa anidie yi,+ gye sɛ Onyankopɔn afrɛ no+ sɛdeɛ ɔfrɛɛ Aaron+ no. 5 Saa ara na Kristo nso anhyɛ ne ho animuonyam+ ammɛyɛ ɔsɔfo panin,+ na mmom deɛ ɔhyɛɛ no animuonyam+ no ne deɛ ɔka faa ne ho sɛ: “Woyɛ me ba; me na ɛnnɛ mayɛ w’agya.”+ 6 Saa ara na ɔka no baabi foforɔ nso sɛ: “Woyɛ ɔsɔfoɔ daa wɔ Melkisedek kwan so.”+
7 Berɛ a Kristo wɔ honam mu no, ɔnam nteamu a emu yɛ den+ ne nisuo so de adesrɛ ne nkotɔsrɛ+ baa Deɛ na ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu no anim, na ne nyamesuro+ nti, wɔtiee no. 8 Ɛwom sɛ na ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa setie firii amane a ɔhunuiɛ no mu;+ 9 na berɛ a wɔmaa no wiee pɛyɛ+ no, afei na wabɛyɛ deɛ wɔn a wɔyɛ ɔsetie+ ma no nyinaa daa nkwagyeɛ+ hyɛ ne nsa, 10 ɛfiri sɛ Onyankopɔn no ara frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so.+
11 Yɛwɔ ne ho nsɛm pii ka a ne nkyerɛkyerɛmu yɛ den, ɛfiri sɛ moyɛ nyaa wɔ asɛm tie ho.+ 12 Nokorɛm no, berɛ no nti ɛsɛ sɛ anka moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ,+ nanso ɛhia sɛ obi san firi aseɛ bio kyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm kronkron+ mu mfitiasesɛm;+ na moayɛ nnipa a wɔhia nufosuo, ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den.+ 13 Na obiara a ɔnom nufoɔ no nnim tenenee asɛm no, ɛfiri sɛ ɔyɛ akɔkoaa.+ 14 Nanso aduane a ɛyɛ den yɛ wɔn a wɔn ho akokwa no dea, wɔn a wɔde wɔn adwene+ yɛ adwuma nti wɔatete no ama ɛtumi hunu papa ne bɔne mu nsonsonoeɛ.+