Hesekiel
29 Afe a ɛtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dumienu no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani si Egypt hene Farao+ so na hyɛ ɔne Egypt nyinaa ho nkɔm.+ 3 Ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo anya, Egypt hene Farao,+ asuboa kɛseɛ+ a woda Nil asuasu mu,+ wo a woka sɛ, ‘Asubɔnten Nil yɛ me dea, na me ara na meyɛ faeɛ’+ no. 4 Mede akɔtɔkorɔ bɛhyehyɛ w’afono mu+ na mama Nil asuasu mu mpataa afemfam w’abena ho. Na mɛyi wo ne mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa afiri Nil asuasu mu. 5 Mɛto wo ne Nil asuasu mu mpataa nyinaa agu serɛ so.+ Na wobɛkɔ akɔtɔ wuram wɔ petee mu.+ Wɔrentase wo na wɔremmoa w’ano. Na mede wo bɛma wuram mmoa ne wiem nnomaa sɛ aduane.+ 6 Na Egyptfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene Yehowa,+ ɛfiri sɛ wɔbɛyɛɛ demmire poma maa Israel fie.+ 7 Berɛ a wɔsɔɔ wo mu no, wobukaeɛ+ na womaa wɔn mmatiri hwinhwanee. Na berɛ a wɔde wɔn ho tweree woɔ no, wobubuiɛ+ na wɔn sisi wosoeɛ.”+
8 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mede nkrantɛ reba wo so,+ na mɛtwitwa nnipa ne nyɛmmoa nyinaa afiri hɔ.+ 9 Egypt asase bɛsɛe adane amamfõ,+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, ‘Asubɔnten Nil wɔ me, na me ara na meyɛeɛ.’+ 10 Enti me ne wo ne Nil asuasu anya,+ na mɛma Egypt asase asɛe, na ɛso awo, na adane amamfõ+ afiri Migdol+ akɔsi Sine+ ne Etiopia ahyeɛ so nyinaa. 11 Ɔdasani+ anaa ayɛmmoa biara nan remfa so,+ na wɔrentena so mfeɛ aduanan.+ 12 Na mɛma Egypt asase adane amamfõ mu amamfõ;+ na ne nkuro bɛda mpan wɔ nkuro a asɛeɛ mu mfeɛ aduanan,+ na mɛbɔ Egyptfoɔ apete aman so na mabɔ wɔn apansam nsase so.”+
13 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Mfeɛ aduanan no ba awieeɛ a,+ mɛboaboa Egyptfoɔ ano afiri aman a wɔbɔɔ wɔn pansam soɔ no mu.+ 14 Na mede Egyptfoɔ a wɔwɔ nkoasom mu no bɛsan aba wɔn akyi wɔ Patros+ asase so, na wɔbɛbrɛ wɔn ahennie no ase wɔ hɔ. 15 Na ɛbɛba fam asene ahennie a aka no, na ɛremma ne ho so wɔ aman a aka no so bio,+ na mɛma wɔn so ahwan na wɔanhyɛ amanaman no so.+ 16 Na Israel fie remfa wɔn ho nto ne so bio,+ na wɔankɔdi wɔn akyi ankae wɔn bɔne.+ Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’”
17 Afe a ɛtɔ so aduonu nson, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: 18 “Onipa ba, Babilon hene Nebukadresar+ maa n’asraafoɔ kɔyɛɛ Tiro ho adwuma.+ Na etire nyinaa ho pepaeɛ na mmatire nyinaa ho worɔworɔeɛ.+ Nanso ɔne n’asraafoɔ no annya akatua+ biara amfiri dwuma a wɔkɔdii Tiro no mu.
19 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Mede Egypt asase bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa,+ na ɔbɛfa n’ahodeɛ anya asadeɛ pii,+ na wafom emu nneɛma nyinaa; ɛno na ɛbɛyɛ n’asraafoɔ no akatua.’
20 “‘Na mede Egypt asase bɛma no sɛ ne som ho akatua, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
21 “Saa da no, mɛma abɛn bi afifi wɔ Israel fie+ na mama woabue w’ano wɔ wɔn mu;+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa.”