2 Timoteo
4 Mehyɛ wo wɔ Onyankopɔn ne Kristo Yesu a wɔayi no asi hɔ sɛ ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ+ atɛn+ no anim wɔ n’ahoyie+ ne n’ahennie+ mu sɛ 2 ka asɛm no,+ kɔ so ka no dendeenden, mmerɛ pa+ ne mmerɛ bɔne mu,+ yi ntɛn,+ ka anim, tu fo, abodwokyɛreɛ+ ne nkyerɛkyerɛ a ɛtu mpɔn nyinaa mu. 3 Na berɛ bi bɛba a wɔrentena nkyerɛkyerɛ pa no mu,+ na mmom wɔbɛboaboa akyerɛkyerɛfoɔ ano afa ama wɔanunu wɔn asom, sɛdeɛ wɔn ara akɔnnɔ teɛ;+ 4 na wɔbɛyi wɔn asõ afiri nokorɛ no ho, na wɔadane akɔtie atosɛm.+ 5 Nanso wo deɛ, ma w’ani nna hɔ+ adeɛ nyinaa mu, hunu amane,+ yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma,+ yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.+
6 Na wɔanya rehwie me sɛ afɔrebɔ nsã dada,+ na berɛ a mɛnya me ho ateteɛ+ no abɛn. 7 Mako ɛko pa no,+ matu mmirika no awie,+ masɔ gyidie no mu.+ 8 Ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no, deɛ ɛda hɔ retwɛn me ne tenenee ahemmotire+ a Awurade, ɔtemmufoɔ teneneeni no,+ de bɛma me sɛ akatua+ saa da no,+ na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso.
9 Bɔ mmɔden biara bra me nkyɛn ntɛm.+ 10 Ɛfiri sɛ seesei wiase nhyehyɛeɛ+ ho dɔ nti, Dema+ agya me hɔ kɔ Tesalonika; Kreske kɔ Galatia,+ Tito kɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na aka no me nkyɛn. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ɔboafoɔ+ ma me wɔ ɔsom mu. 12 Tihiko+ deɛ, masoma no kɔ Efeso. 13 Sɛ woreba a, fa m’atadeɛ a mede ko awɔ a megyaa no Karpo nkyɛn wɔ Troa+ no brɛ me, ɛne nwoma mmobɔeɛ no, ne titire no aboa nwoma deɛ no.
14 Aleksandro+ a ɔyɛ kɔbere dwumfoɔ no yɛɛ me bɔne pii—Yehowa bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ+— 15 na wo nso hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ ɔfaa akwan nyinaa so ko tiaa yɛn nsɛm no.
16 Berɛ a ɛdi kan a meyii m’ano no, obiara ammɛgyina m’akyi,+ na wɔn nyinaa twee wɔn ho firii me ho—mempɛ sɛ wɔde ho asodie bɛto wɔn soɔ+— 17 nanso Awurade bɛgyinaa me nkyɛn+ hyɛɛ me den+ sɛdeɛ wɔbɛfa me so ayɛ asɛnka no pɛpɛɛpɛ, na ama amanaman nyinaa ate;+ na wɔgyee me firii gyata anom.+ 18 Awurade bɛgye me afiri adebɔne biara mu,+ na ɔbɛgye me nkwa akɔ ne soro ahennie no mu.+ Ɔno na animuonyam nka no daa daa. Amen.
19 Kyea Priska+ ne Akwila ne Onesiforo+ fiefoɔ ma me.
20 Erasto+ kaa Korinto,+ na Trofimo+ deɛ, megyaa no Mileto+ a na ɔyareɛ. 21 Yɛ deɛ wobɛtumi nyinaa bra ansa na awɔ berɛ aduru.
Eubulo kyea wo, ɔne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa.
22 Awurade ne honhom a woda no adie no ntena.+ N’adom nka mo.