2 Korintofoɔ
9 Afei ɛdefa ɔsom+ a yɛde boa akronkronfoɔ no ho no, ɛho nhia sɛ mɛtwerɛ ho asɛm abrɛ mo, 2 ɛfiri sɛ menim sɛdeɛ moayɛ krado, na ɛma mede mo hoahoa me ho kyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ asiesie wɔn ho afe nie,+ na mo mmɔdemmɔ no akanyan wɔn mu dodoɔ no ara. 3 Nanso meresoma anuanom yi, na ahohoahoa a yɛwɔ no mo ho no anyɛ kwa yei mu, na mmom moayɛ krado+ paa sɛdeɛ na metaa ka sɛ mobɛyɛ no. 4 Anyɛ saa na sɛ Makedoniafoɔ ne me ba na wɔbɛto sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn—ɛnyɛ mo mpo—na yɛn ani bɛwu sɛ yɛnyaa saa ahotɔsoɔ yi. 5 Enti mehunuu sɛ ɛho hia sɛ mehyɛ anuanom no nkuran ma wɔdi kan ba mo nkyɛn bɛgye akyɛdeɛ a moyii mo yam hyɛɛ ho bɔ+ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛda hɔ sɛ akyɛdeɛ a moayi mo yam de ama na anyɛ biribi a wɔagye no ɔhyɛ so.+
6 Na yei mu no, deɛ ɔgu no pɛpɛɛ+ soɔ no bɛtwa pɛpɛɛ so, na deɛ ɔgu pii+ no bɛtwa pii. 7 Obiara nyɛ no sɛdeɛ wasusu no n’akomam, ɛnyɛ amemenemfe+ anaa ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dɔ deɛ ɔte n’anim ma.+
8 Bio nso, Onyankopɔn bɛtumi ama n’adom nyinaa abu so ama mo, na berɛ a daa monya deɛ ɛbɛsõ mo biribiara mu no, moanya pii ama adwuma pa biara.+ 9 (Sɛdeɛ wɔatwerɛ no, “Wakyɛ adeɛ pii, wama ahiafoɔ adeɛ, ne tenenee wɔ hɔ daa.”+ 10 Na deɛ ɔma ogufoɔ aba pii na ɔma nkurɔfoɔ paanoo die+ no bɛma aba a moguo no adɔɔso, na wama mo tenenee aba ayɛ bebree.)+ 11 Biribiara mu monya mo ho na ama moayɛ adɔeɛ akwan nyinaa so, na ɛnam yɛn so ama Onyankopɔn anya aseda;+ 12 ɛfiri sɛ ɔsom a wɔde ma yi deɛ, ɛnyɛ sɛ ɛma akronkronfoɔ nya deɛ wɔpɛ boro so nko,+ na mmom ɛma wɔnya wɔn ho nso, aseda pii a wɔde ma Onyankopɔn nti. 13 Ɛsiane ɔsom yi ho adanseɛ nti, wɔhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ mobrɛ mo ho ase ma Kristo ho asɛmpa+ no sɛdeɛ mo ara moka no, na afei moyi mo yam yi ntoboa de kɔma wɔne obiara;+ 14 na wɔbɔ mpaeɛ ma mo, na wɔn ani agyina mo ɛfiri sɛ Onyankopɔn adom+ a ɛboro soɔ no wɔ mo so.