Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Yehowa akoa Dawid dwom.
36 Ɔdebɔneyɛfoɔ mmarato kasa wɔ n’akoma mu;+
Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+
2 Ɔde aniteɛ bebrebe daadaa ne ho,+
Enti ɔnhunu ne mfomsoɔ na wakyiri.+
3 N’anom nsɛm yɛ amumuyɔsɛm ne nnaadaa;+
Ɔnni nhunumu a ɛbɛma no ayɛ papa+ bio.
4 Ɔdwene amumuyɔsɛm, ne kɛtɛ so+ daa.
Ɔgyina kwan a ɛnyɛ so.+
Adebɔne deɛ, ɔmpo.+
5 O Yehowa, w’adɔeɛ wɔ soro;+
Wo nokorɛ kɔduru mununkum mu.+
6 Wo tenenee te sɛ mmepɔ a woayɛ, O Onyankopɔn;+
W’atemmusɛm te sɛ subunu kɛseɛ.+
O Yehowa, wo na wogye onipa ne aboa.+
7 Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ som bo fa!+
Wo ntaban nwunu ase na nnipa mma hunta.+
8 Wɔnom wo fie nnepa mee;+
Na woma wɔnom w’anigyeɛ sɛ asubɔnten.+
9 Ɛfiri sɛ wo nkyɛn na nkwa nsutire wɔ;+
Wo hann mu na yɛhunu hann.+
10 Ma w’adɔeɛ ntena wɔn a wɔnim woɔ no so+ daa,
Na ma wo tenenee ntena akoma mu teefoɔ+ so.
11 Mma ɔhantanni nan nntia me;+
Na mma nnebɔneyɛfoɔ nsa mmma memmmɔ ko.+
12 Hwɛ, amumuyɔfoɔ ahwehwe ase;+
Wɔasum wɔn ahwe fam, na wɔntumi nsɔre.+