1 Tesalonikafoɔ
5 Afei anuanom, nna ne mmerɛ no ho deɛ,+ ɛnhia sɛ wɔtwerɛ biribiara brɛ mo. 2 Na mo ara monim yie sɛ Yehowa da+ no reba sɛdeɛ korɔmfoɔ ba anadwo no pɛpɛɛpɛ.+ 3 Sɛ ɛnya ba sɛ wɔreka+ sɛ: “Asomdwoeɛ+ ne dwoodwoo!” a, mpofirem ara na ɔsɛeɛ+ bɛba wɔn so sɛdeɛ awoko yea ba ɔbaa a ɔnyem soɔ;+ na wɔrentumi nnwane ɛkwan biara so.+ 4 Nanso, mo anuanom, monni sum mu,+ monte sɛ akorɔmfoɔ+ na saa da no abɛto mo mpofirem, 5 ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ hann mma+ ne adekyeeɛ mma.+ Yɛnyɛ adesaeɛ anaa esum dea.+
6 Ne saa nti, mommma yɛnnna+ sɛ wɔn a aka no,+ na mmom momma yɛnwɛn+ na yɛn ani nna hɔ.+ 7 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda+ no taa da anadwo,+ na wɔn a wɔboro nsã no taa bo anadwo. 8 Nanso yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea no, yɛmma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie+ ne ɔdɔ nkataboɔ+ ne nkwagyeɛ anidasoɔ+ no sɛ dadeɛ kyɛ;+ 9 ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo,+ na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛmfa Awurade Yesu Kristo+ so nnya nkwa.+ 10 Ɔwu maa yɛn,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛn ani gu so oo, sɛ yɛada oo, yɛne no bɛtena nkwa mu.+ 11 Enti monkɔ so nkyekyere mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den,+ sɛdeɛ moreyɛ no ara.+
12 Afei anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obuo mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu na wɔdi mo anim+ Awurade mu na wɔtu mo foɔ no; 13 na momfa anidie soronko mma wɔn ɔdɔ mu ɛsiane adwuma a wɔreyɛ no nti.+ Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.+ 14 Berɛ korɔ no ara mu no, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnenam basabasa,+ monkyekyere akra a wɔabotoɔ werɛ,+ mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, monnya abodwokyɛreɛ+ mma nnipa nyinaa. 15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne so ka,+ na mmom berɛ nyinaa monhwehwɛ deɛ ɛyɛ mma mo ho mo ho ne afoforɔ nyinaa.+
16 Mo ani nnye berɛ nyinaa.+ 17 Monnnyae mpaebɔ da.+ 18 Biribiara mu momfa aseda mma.+ Yei na Onyankopɔn pɛ wɔ mo fam Kristo Yesu mu. 19 Monnnum honhom no gya no.+ 20 Mommmu nkɔmhyɛsɛm animtia.+ 21 Monsɔ adeɛ nyinaa nhwɛ;+ monkura deɛ ɛyɛ mu pintinn.+ 22 Montwe mo ho mfiri bɔne biara ho.+
23 Asomdwoeɛ Nyankopɔn+ no ara nte mo ho koraa.+ Na wɔnkora mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mma no nni mũ akwan nyinaa so, sɛdeɛ asɛm remma ho yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ mu.+ 24 Deɛ ɔrefrɛ mo no yɛ ɔnokwafoɔ, na ɔbɛyɛ nso.
25 Anuanom, monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn.+
26 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.+
27 Mehyɛ mo Awurade mu sɛ monkenkan krataa yi nkyerɛ anuanom nyinaa.+