1 Korintofoɔ
15 Afei anuanom merema moahunu asɛmpa+ a meka kyerɛɛ mo,+ na mo nso mogyeeɛ, na mogyina mu+ no. 2 Bio nso wɔnam asɛm a mede kaa asɛmpa no kyerɛɛ mo no so regye mo nkwa,+ sɛ mosɔ mu dendeenden a, gye sɛ ebia mobɛyɛɛ agyidifoɔ kwa.+
3 Na nsɛm a ɛdi kan a me nso menyaeɛ+ a mede maa mo ne sɛ yɛn bɔne nti na Kristo wuiɛ sɛdeɛ Twerɛnsɛm no ka no;+ 4 na wɔsiee no,+ na da a ɛtɔ so mmiɛnsa+ no, wɔnyanee no,+ sɛdeɛ Twerɛnsɛm no ka no;+ 5 na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Kefa+ ne afei dumienu no.+ 6 Ɛno akyi no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum berɛ korɔ mu, na wɔn mu dodoɔ no ara da so te ase,+ nanso wɔn mu binom adeda wɔ owuo mu. 7 Ɛno akyi no ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo,+ ne afei asomafoɔ no nyinaa;+ 8 na deɛ ɛtwa toɔ koraa no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ me+ a mete sɛ deɛ ne berɛ ansõ a wɔwoo no yi.
9 Na mene deɛ ɔsua koraa+ wɔ asomafoɔ no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafoɔ, ɛfiri sɛ metaa+ Onyankopɔn asafo. 10 Nanso Onyankopɔn adom+ nti na mete sɛdeɛ meteɛ yi. Na dom a ɔdom me no anyɛ kwa,+ na mmom mebɔɔ me ho mmɔden senee wɔn nyinaa,+ nanso ɛnyɛ me a; na ɛyɛ Onyankopɔn adom a ɛka me ho no.+ 11 Nanso sɛ́ ɛyɛ me anaa ɛyɛ wɔn no, saa na yɛka asɛm no, na saa na moagye adie.+
12 Afei sɛ wɔreka Kristo ho asɛm sɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu+ a, adɛn nti na mo mu binom ka sɛ awufoɔ sɔreɛ biara nni hɔ?+ 13 Na sɛ awufoɔ sɔreɛ nni hɔ deɛ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyane Kristo nso.+ 14 Na sɛ wɔannyane Kristo nso a, yɛn asɛnka yɛ kwa, na yɛn gyidie nso yɛ kwa.+ 15 Afei nso wɔbɛbu yɛn sɛ yɛadi Onyankopɔn ho adansekunumu,+ ɛfiri sɛ yɛadi adanseɛ+ atia Onyankopɔn sɛ wanyane Kristo,+ a sɛ awufoɔ sɔreɛ biara nni hɔ a, anka wannyane no.+ 16 Na sɛ wɔrennyane awufoɔ a, na ɛkyerɛ sɛ wɔannyane Kristo nso. 17 Bio nso, sɛ wɔannyane Kristo a, na mo gyidie so nni mfasoɔ, na moda so wɔ mo bɔne mu.+ 18 Nokorɛm no, ɛbɛkyerɛ nso sɛ wɔn a Kristo mu wɔdedaa owuo mu+ no asɛe kwa.+ 19 Sɛ nkwa yi mu nko na yɛanya Kristo mu anidasoɔ+ a, ɛnneɛ na yɛn na yɛyɛ mmɔbɔ paa wɔ nnipa nyinaa mu.
20 Nanso afei wɔanyane Kristo afiri awufoɔ mu+ sɛ wɔn a wɔadeda owuo mu no aba a ɛdi kan.+ 21 Na sɛdeɛ ɛnam onipa so na owuo+ baeɛ no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔreɛ nso baeɛ.+ 22 Na sɛdeɛ obiara rewu wɔ Adam mu+ no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.+ 23 Nanso obiara ne ne gyinabea: Kristo ne aba a ɛdi kan+ no, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea no adi hɔ wɔ ne mmaeɛ mu.+ 24 Ɛno akyi na awieeɛ no bɛba ama ɔde ahennie no ahyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya nsa, berɛ a watu aban ne tumi ne ahoɔden nyinaa aguo+ no. 25 Na ɛtwa sɛ ɔdi hene kɔsi sɛ Onyankopɔn de atamfo nyinaa bɛgu ne nan ase.+ 26 Ɔtamfo a ɔtwa toɔ a ɔbɛtu no aguo ne owuo.+ 27 Na Onyankopɔn “de nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Na sɛ ɔka sɛ ‘wɔde nneɛma nyinaa agu ne nan ase’+ a, emu da hɔ pefee sɛ deɛ ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no nka ho bi.+ 28 Na sɛ ɔnya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase+ a, afei Ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ Deɛ+ ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ adeɛ nyinaa ama obiara.+
29 Anyɛ saa a anka wɔn a wɔbɔ wɔn asu kɔ owuo mu no bɛyɛ dɛn?+ Sɛ awufoɔ nsɔre koraa+ a, adɛn nti na wɔbɔ wɔn asu+ kɔ owuo mu? 30 Adɛn nti nso na yɛwɔ asiane mu dɔn biara?+ 31 Da biara me ne owuo bɔ mpunimpu.+ Anuanom, mede ahurisie+ a medi wɔ mo ho yɛn Awurade Yesu Kristo mu no si so dua. 32 Sɛ me ne mmoa koo sɛdeɛ nnipa yɛ wɔ Efeso+ no a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma me? Sɛ awufoɔ nsɔre a, ɛnneɛ “momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.”+ 33 Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.+ 34 Momma mo ani nna hɔ+ wɔ tenenee mu, na monntena bɔne mu, ɛfiri sɛ ebinom nni Onyankopɔn ho nimdeɛ.+ Merekasa de ahyɛ mo aniwuo.+
35 Nanso obi bɛka sɛ: “Ɛkwan bɛn na wɔbɛfa so anyane awufoɔ? Nipadua bɛn mpo na wɔde reba?”+ 36 Onipa a wonni adwene! Deɛ wodua no nnya nkwa, gye sɛ awu ansa;+ 37 na deɛ wodua no, ɛnyɛ dua a ɛbɛba no na wodua, na mmom aba kɛkɛ,+ ayuo anaa foforɔ biara; 38 nanso Onyankopɔn ma no yɛ dua+ a ɔpɛ,+ na aba no mu biara nya ɛno ara ne dua. 39 Ɔhonam nyinaa nyɛ honam korɔ, na mmom ɛsono adasamma deɛ na ɛsono ntɔteboa deɛ, ɛsono nnomaa deɛ na ɛsono mpataa+ deɛ. 40 Na ɔsoro+ abɔdeɛ wɔ hɔ na asase so abɔdeɛ+ wɔ hɔ; na ɔsoro abɔdeɛ animuonyam+ nko na asase so abɔdeɛ deɛ nko. 41 Awia+ animuonyam nko na bosome+ animuonyam nko, na nsoromma+ nso animuonyam nko; na nsoromma mpo, emu biara ne n’animuonyam.
42 Saa ara nso na awufoɔ sɔreɛ teɛ.+ Wɔdua no deɛ ɛporɔ mu, wɔnyane no deɛ ɛmporɔ+ mu. 43 Wɔdua no animguaseɛ mu,+ wɔnyane no animuonyam mu.+ Wɔdua no mmerɛyɛ mu,+ wɔnyane no tumi mu.+ 44 Wɔdua no honam nipadua+ mu, wɔnyane no honhom nipadua+ mu. Sɛ honam nipadua wɔ hɔ a, honhom nipadua nso wɔ hɔ. 45 Saa ara na wɔatwerɛ mpo sɛ: “Onipa a ɔdi kan Adam bɛyɛɛ ɔkra teasefoɔ.”+ Adam a ɔdi akyire no bɛyɛɛ honhom+ a ɔma nkwa.+ 46 Nanso, ɛnyɛ honhom mu deɛ no na ɛdi kan, na mmom honam mu deɛ no, ɛno akyi ansa na honhom mu deɛ no reba.+ 47 Onipa a ɔdi kan no firi fam, na wɔde dɔteɛ na ɛyɛɛ no;+ onipa a ɔtɔ so mmienu no firi soro.+ 48 Sɛdeɛ deɛ wɔde dɔteɛ yɛɛ no no+ teɛ no, saa ara na wɔn a wɔde dɔteɛ yɛɛ wɔn no nso teɛ; na sɛdeɛ deɛ ɔfiri soro+ no teɛ no, saa ara na wɔn a wɔfiri soro no nso teɛ.+ 49 Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ deɛ wɔde dɔteɛ yɛɛ no no suban+ no, saa ara na yɛbɛhyɛ deɛ ɔfiri soro no nso suban.+
50 Nanso anuanom, yei na meka, sɛ honam ne mogya ntumi nnya Onyankopɔn ahennie,+ na saa ara na deɛ ɛporɔ ntumi nnya deɛ ɛmporɔ.+ 51 Hwɛ! Meka mo ahuntasɛm kronkron bi sɛ: Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛbɛdeda owuo mu, na mmom yɛn nyinaa bɛsesã+ 52 ntɛm so, anibuo mu, totorobɛnto a ɛdi akyire no mu. Na totorobɛnto+ no bɛhyɛne, na wɔanyane awufoɔ sɛ wɔn a wɔmporɔ, na yɛbɛsesã. 53 Na ɛsɛ sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ,+ na deɛ ɛwuo+ yi hyɛ deɛ ɛnwuo. 54 Na sɛ deɛ ɛporɔ yi hyɛ deɛ ɛmporɔ, na deɛ ɛwuo yi hyɛ deɛ ɛnwuo a, ɛno na asɛm a wɔatwerɛ no bɛba mu sɛ: “Wɔamene owuo+ akɔsi daa.”+ 55 “Owuo, wo nkonimdie wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?”+ 56 Nwowɔeɛ+ a ɛde owuo ba ne bɔne, na bɔne tumi ne Mmara+ no. 57 Nanso aseda nka Onyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛdi nkonim!+
58 Enti me nuanom adɔfo, montintim,+ monnhinhim, monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu+ daa, na monim sɛ mo brɛ renyɛ kwa+ Awurade mu.