Aseda+ dwom.
100 Asase so aman nyinaa, mommɔ ose mma Yehowa.+
2 Momfa anigyeɛ nsom Yehowa.+
Momfa ahurisi dwom mmra n’anim.+
3 Monhunu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn.+
Ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɛnyɛ yɛn ara.+
Yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan.+
4 Momfa aseda nhyɛn n’apono mu,+
Na momfa ayeyie mmra ne fie adihɔ.+
Monna no ase, monhyira ne din.+
5 Ɛfiri sɛ Yehowa yɛ,+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa;+
Ne nokorɛdie kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.+