2 Korintofoɔ
6 Berɛ a yɛne no bom yɛ adwuma yi,+ yɛsrɛ mo bio sɛ monnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔ nnyɛ kwa.+ 2 Na ɔka sɛ: “Berɛ a ɛfata mu na metiee woɔ, na nkwagyeɛ da na meboaa woɔ.”+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne adom berɛ.+ Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.+
3 Yɛnto suntidua+ biribiara mu, na wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara;+ 4 na mmom adeɛ nyinaa mu yɛda yɛn ho adi+ sɛ Onyankopɔn asomfoɔ, boasetɔ pii mu, ahohia mu, ohia mu, ahokyerɛ mu,+ 5 ɛhweɛ mu, afiasenna mu,+ sakasaka mu, adwumaden mu, apɛsire mu, yafumpan mu,+ 6 ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛreɛ mu,+ ayamyɛ mu,+ honhom kronkron mu, ɔdɔ a nyaatwom+ nnim mu, 7 nokwasɛm mu, Onyankopɔn tumi mu;+ ɛnam tenenee akodeɛ+ a ɛwɔ yɛn nsa nifa ne benkum so, 8 ɛnam animuonyam ne animguaseɛ so, asɛmmɔne ne asɛmpa so; sɛ asisifoɔ+ nanso anokwafoɔ, 9 sɛ nnipa a wɔnnim yɛn nanso wɔnim yɛn yie,+ sɛ nnipa a yɛrewuo, nanso hwɛ! yɛte ase,+ sɛ nnipa a wɔatene yɛn soɔ,+ nanso wɔnkuu yɛn,+ 10 sɛ nnipa a wɔredi awerɛhoɔ, nanso yɛn ani gye daa, sɛ ahiafoɔ, nanso yɛma nnipa pii yɛ adefoɔ, sɛ nnipa a wɔnni hwee, nanso yɛwɔ nneɛma nyinaa.+
11 Korintofoɔ, yɛaka deɛ ɛsɛ sɛ yɛka biara akyerɛ mo; yɛabue yɛn akomam.+ 12 Yɛn deɛ, yɛnsi mo kwan yɛn akomam,+ na mmom mo ara mo dɔ na mosi ho kwan.+ 13 Enti deɛ mo nso mobɛyɛ de atua ka no—mekasa kyerɛ mo sɛ mmɔfra+—mo nso montrɛ mo akomam.
14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie nntwe kɔndua korɔ.+ Na twaka bɛn na tenenee ne amumuyɔ wɔ?+ Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?+ 15 Afei nso abusuabɔ bɛn na Kristo ne Belial wɔ?+ Anaasɛ kyɛfa+ bɛn na gyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ? 16 Na baakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Yɛyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no asɔrefie,+ sɛdeɛ Onyankopɔn kaeɛ no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manante wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+ 17 “‘Enti momfiri wɔn mu, na monte mo ho,’ Yehowa na ɔseɛ, ‘na mommfa mo nsa nnka deɛ ɛho nteɛ’”;+ “‘na mɛgye mo.’”+ 18 “‘Na mɛyɛ mo agya,+ na moayɛ me mma mmarima ne mma mmaa,’+ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ Yehowa na ɔseɛ.”