Yakobo
2 Me nuanom, mokura Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn animuonyam+ no gyidie mu a animhwɛ+ ka ho anaa? 2 Ɛba sɛ obi a sika mpɛtea hyehyɛ ne nsa na ɔhyɛ atade fɛfɛ ba baabi a moahyia,+ na ohiani bi nso a ɔhyɛ atade fĩ ba hɔ,+ 3 na sɛ mote mo anim hwɛ+ deɛ ɔhyɛ atade fɛfɛ no ka kyerɛ no sɛ: “Bɛtena baabi pa yi,” na ohiani no deɛ, moka kyerɛ no sɛ: “Gyina hɔ,” anaa: “Tena me nan ase adwa ho ha” a, 4 ɛnkyerɛ sɛ mpaepaemu wɔ mo mu+ na moabɛyɛ atemmufoɔ+ a mobu atɛnkyea anaa?+
5 Me nuanom adɔfo, montie. Ɛnyɛ wiase no mu ahiafoɔ+ na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adefoɔ+ wɔ gyidie mu ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ no adedifoɔ anaa?+ 6 Nanso moabu ohiani no animtia. Ɛnyɛ adefoɔ na wɔhyɛ mo so+ na wɔtwe mo kɔ asɛnnibea?+ 7 Ɛnyɛ din pa a wɔde frɛɛ mo+ no ho asɛmmɔne+ na wɔka? 8 Sɛ afei modi mmara titire*+ no so sɛdeɛ twerɛsɛm no ka sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho”+ no a, na morebɔ mmɔden paa. 9 Nanso sɛ mokɔ so yɛ animhwɛ+ a, na moreyɛ bɔne, na mmara+ no yi mo ntɛn sɛ mmaratofoɔ.
10 Obiara a ɔbɛdi Mmara no nyinaa so na ɔbɛbu emu asɛm baako soɔ no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.+ 11 Ɛfiri sɛ deɛ ɔkaa sɛ: “Nsɛe awareɛ”+ no, ɔkaa nso sɛ: “Nni awu.”+ Enti sɛ woansɛe awareɛ nanso wodi awu a, woyɛ mmaratofoɔ. 12 Monkɔ so nkasa na monyɛ adeɛ sɛ wɔn a wɔde adehyeɛ mmara bɛbu wɔn atɛn.+ 13 Na deɛ ɔnhu mmɔbɔ no, ɔno nso wɔrenhu no mmɔbɔ+ wɔ atemmuo mu. Mmɔborɔhunu di atemmuo so nkonim.
14 Me nuanom, sɛ obi ka sɛ ɔwɔ gyidie+ nanso ɔnni nnwuma+ a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ? Saa gyidie no bɛtumi agye no nkwa anaa?+ 15 Sɛ onuabarima anaa onuabaa bi da adagya na ɔnni aduane a ɛbɛso no da no mpo,+ 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ, na wo ho nyɛ wo hye na mee,” na moamma no deɛ nipadua no hia a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ soɔ?+ 17 Saa ara na gyidie nso sɛ nnwuma nka ho a,+ na awu.
18 Nanso obi bɛka sɛ: “Wowɔ gyidie, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidie a nnwuma nka ho no, na me nso mede me nnwuma bɛkyerɛ wo me gyidie.”+ 19 Sɛ́ wogye di sɛ Onyankopɔn baako na ɔwɔ hɔ?+ Woayɛ adeɛ. Wiɛ, adaemone nso gye di na wɔn ho popo.+ 20 O nipahunu, wopɛ sɛ wohunu sɛ gyidie a nnwuma nka ho yɛ gyidie hunu anaa? 21 Ɛnyɛ berɛ a yɛn agya Abraham+ de ne ba Isak maa wɔ afɔrebukyia soɔ no akyi na wɔnam ne nnwuma so buu no bem anaa?+ 22 Woahunu sɛ ɔde nnwuma kaa ne gyidie no ho, na ɛnam ne nnwuma so na ne gyidie wiee pɛyɛ,+ 23 na twerɛsɛm no baa mu sɛ: “Abraham gyee Yehowa diiɛ, na wɔbuu no tenenee maa no,”+ na wɔbɛfrɛɛ no “Yehowa adamfo.”+
24 Moahunu sɛ wɔnam nnwuma+ so na ɛbu obi bem,+ na ɛnyɛ gyidie nko ara so.+ 25 Ɛnyɛ saa ara na odwamanfoɔ Rahab+ nso wɔnam nnwuma so buu no bem, berɛ a ɔgyee abɔfoɔ no fɛ so na ɔmaa wɔfaa kwan foforɔ so kɔeɛ no?+ 26 Nokwasɛm ne sɛ sɛdeɛ nipadua a honhom nnim awuo no,+ saa ara nso na gyidie a nnwuma nnim awuo.+