Dwom
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom. Ayeyi dwom.
2 Sɛdeɛ wisie twam korɔ no, pamo wɔn saa ara;+
Sɛdeɛ egya nane sradeɛ no,+
Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.+
3 Ateneneefoɔ deɛ, ma wɔnni ahurisie,+
Ma wɔn ho nsɛpɛ wɔn Onyankopɔn anim,+
Ma wɔmfa anigyeɛ mmɔ ose.+
4 Monto dwom mma Onyankopɔn, monto dwom mma ne din;+
Momma dwom so mma Deɛ ɔnam asasetamaa soɔ+
A ne din de Yah no;+ monni ahurisie, n’anim;
6 Onyankopɔn ma ankonam nya fie tena mu;+
Ɔma nneduafoɔ di yie.+
Na asoɔdenfoɔ deɛ, asase wesee so na wɔbɛtena.+
Ɔsoro nso sosɔeɛ, Onyankopɔn nti;+
10 Wo man tenatenaa ntomadan mu+—emu na wɔtenatenaeɛ;+
O Onyankopɔn, wo papayɛ mu na wosiesiee ntomadan maa mmɔborɔni.+
13 Ɛwom sɛ moda nsõ mu deɛ,
Nanso mobɛnya aborɔnoma a wɔde dwetɛ adura ne ntaban ho,
Na wɔde sika a ɛbere dum adura ne ntakra ho.+
14 Berɛ a adeɛ nyinaa so Tumfoɔ bɔɔ asase no so ahemfo hweteeɛ no,+
Sukyerɛmma firii aseɛ tɔɔ wɔ Salmon.+
16 O mmepɔ atenten, adɛn nti na mode ahoɔyaa hwɛ
Bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ?+
Yehowa deɛ, ɛhɔ na ɔbɛtena daa.+
19 Nhyira nka Yehowa a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn da biara no,+
Ɔno ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn ara.+ Sela.
20 Nokorɛ Nyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn;+
Na Awurade Tumfoɔ+ Yehowa nsam na ɛkwan a wɔde firi owuo mu wɔ.+
22 Yehowa aka sɛ: “Basan na mede wɔn bɛfiri aba,+
Mede wɔn bɛfiri ɛpo bunu mu aba,+
23 Na ama woahohoro wo nan ho wɔ mogya mu,+
Na wo nkraman kɛtrɛma nso atafere atamfo mogya.”+
25 Nnwontofoɔ no na wɔdi kan, asankubɔfoɔ na wɔdi akyire;+
Wɔn ntam na mmaayewa a wɔbɔ mpintin+ no die.
27 Benyamin a ɔsua no di nkurɔfoɔ so,+
Yuda mmapɔmma ne wɔn dɔm a wɔteam nso saa ara,
Sebulon mmapɔmma ne Naftali mmapɔmma nso.+
30 Ka demmire mu mmoa+ no anim, anantwinini kuo no,+
Wɔne nnipa a wɔayɛ sɛ anantwie mma a wɔn mu biara tiatia dwetɛ soɔ+ no.
Nnipa a wɔpɛ akodie+ no, wabɔ wɔn ahwete.