Mateo
8 Berɛ a ɔsiane firii bepɔ no soɔ no nnipakuo kɛseɛ dii n’akyi. 2 Na hwɛ! ɔkwatani+ bi bɛkotoo no kaa sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wobɛtumi ama me ho afi.” 3 Enti, ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.”+ Na amonom hɔ ara ne kwata no kɔeɛ.+ 4 Afei Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ na woanka ankyerɛ obiara,+ na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ no,+ na fa ayɛyɛdeɛ+ a Mose hyɛ too hɔ no ma, na ayɛ adanseɛ ama wɔn.”
5 Berɛ a ɔkɔɔ Kapernaum+ no, ɔsraani panin bi baa ne nkyɛn bɛpaa no kyɛw 6 sɛ: “Owura, m’akoa yare mmubuiɛ da fie a ɔrehunu amane kɛse.” 7 Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ meduru hɔ a mɛsa no yareɛ.” 8 Ɔsraani panin no bua see no sɛ: “Owura, memfata sɛ woba me fie, na wo deɛ ka biribi, na m’akoa no ho bɛtɔ no. 9 Ɛfiri sɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafoɔ nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Kɔ ha!’+ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ‘Bra!’ na waba, ne m’akoa sɛ ‘Yɛ sei!’ na wayɛ.” 10 Yesu tee saa no, ne ho dwirii no na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyi no sɛ: “Meka mo nokorɛ sɛ, obiara nni Israel a mahunu gyidie a ɛsõ saa wɔ ne mu.+ 11 Nanso mese mo sɛ nnipa bebree firi apueeɛ fam ne atɔeɛ+ fam bɛba na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ wɔ ɔsoro+ ahennie+ no mu, 12 na ahennie mma+ no deɛ, wɔbɛto wɔn agu abɔnten wɔ sum mu. Ɛhɔ na wɔbɛsu atwɛre wɔn sẽ.”+ 13 Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔsraani panin no sɛ: “Kɔ. Sɛdeɛ wo gyidie teɛ no, ɛmmra mu saa ara mma wo.”+ Na akoa no ho tɔɔ no dɔn no ara mu.
14 Na berɛ a Yesu baa Petro fie no, ɔhunuu sɛ n’asebaa+ da hɔ a ɔyare atiridii.+ 15 Enti ɔsɔɔ ne nsa,+ na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre firii aseɛ som no.+ 16 Na ɛduruu anwummerɛ no, nkurɔfoɔ de nnipa bebree a wɔwɔ adaemone brɛɛ no, na ɔkaa asɛm de tuu ahonhom no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yareɛ, 17 na deɛ wɔnam odiyifoɔ Yesaia so kaeɛ no baa mu sɛ: “Ɔno na ɔfaa yɛn nyarewa na ɔsoaa yɛn ahoɔmmerɛ.”+
18 Berɛ a Yesu hunuu nnipakuo a atwa ne ho ahyia no, ɔhyɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔntwa nkɔ asuogya.+ 19 Na ɔtwerɛfoɔ bi bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mɛdi w’akyi akɔ baabiara a wobɛkorɔ.”+ 20 Nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sakraman wɔ abɔn na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa Ba no nni baabi a ɔde ne ti bɛtoɔ.”+ 21 Afei osuani foforɔ ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ma me kwan ma menkɔsie me papa ansa.” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi, na ma awufoɔ nsie wɔn awufoɔ.”+
23 Na berɛ a ɔforoo kodoɔ no,+ n’asuafoɔ no dii n’akyi. 24 Afei, hwɛ! ahum kɛseɛ bi tuu po no so, ma enti na asorɔkye no rekata kodoɔ no so; nanso ɔno deɛ, na wada.+ 25 Na wɔkɔnyanee+ no kaa sɛ: “Awurade, gye yɛn na yɛrebɛwuwu!” 26 Nanso ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na ehu aka mo, mo a mo gyidie sua?”+ Afei ɔsɔre teateaa mframa ne po no, na ɛyɛɛ dinn.+ 27 Enti mmarima no ho dwirii wɔn na wɔkaa sɛ: “Onipa bɛn+ na mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”
28 Berɛ a ɔduruu asuogya, wɔ Gadarafoɔ*+ asase soɔ no, mmarima mmienu a wɔwɔ adaemone+ firi asieeɛ bɛhyiaa no, na na wɔn ani so yɛ krakra ara ma obiara nni akokoɔduro a ɔde bɛtwam afa saa kwan no so. 29 Na hwɛ! wɔteateaam kaa sɛ: “Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Onyankopɔn Ba?+ Wobaa ha sɛ worebɛha yɛn+ ansa na berɛ a wɔahyɛ no aduru anaa?”+ 30 Ná mprako bebree bi wɔ akyirikyiri redidi. 31 Enti adaemone no firii aseɛ paa no kyɛw sɛ: “Sɛ wotu yɛn a, ma yɛnkɔ mprako+ yi mu.” 32 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ!” Wɔfirii adi kɔɔ mprako no mu, na hwɛ! mprako no nyinaa bɔɔ kirididi firii bepɔ no so kɔguu po no mu wuwuu wɔ nsuo no mu.+ 33 Na mmoahwɛfoɔ no dwaneeɛ, na wɔkɔɔ kuro no mu kɔbɔɔ biribiara ho amanneɛ, a mmarima a wɔwɔ adaemone no ho asɛm ka ho. 34 Na hwɛ! kuro no mufoɔ nyinaa firii adi sɛ wɔrekɔhyia Yesu; wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no dendeenden sɛ ɔmfiri wɔn mantam no mu nkɔ.+