Asaf dwom.
79 O Onyankopɔn, amanaman aba w’agyapadeɛ so;+
Wɔagu w’asɔrefie kronkron no ho fĩ;+
Wɔama Yerusalem adane amamfõ.+
2 Wɔde wo nkoa afunu ama wiem nnomaa sɛ aduane,+
Na wɔde w’anokwafoɔ nam ama asase so mmoa.+
3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo
De atwa Yerusalem ho nyinaa ahyia, na obi nni hɔ a ɔbɛsie wɔn.+
4 Yɛayɛ ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho,+
Yɛayɛ fɛdie ne asereseredeɛ ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyinaa.+
5 O Yehowa, ɛnkɔsi da bɛn na wo bo bɛfuo? Ɛnkɔsi daa anaa?+
Ɛnkɔsi da bɛn na w’abohuro bɛdɛre sɛ gya?+
6 Hwie w’abufuo gu aman a wɔnnim woɔ no so,+
Ne ahennie a wɔmmɔ wo din no so.+
7 Wɔamene Yakob,+
Na wɔama ne tenabea adane amamfõ.+
8 Nkae yɛn agyanom mfomsoɔ mmu ngu yɛn so.+
Yɛ ntɛm ɛ! Ma w’adɔeɛ mmɛhyia yɛn,+
Na yɛaboto koraa.+
9 O yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, boa yɛn,+
Wo din animuonyam nti;+
Gye yɛn nkwa, na kata yɛn bɔne so, wo din nti.+
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman no ka sɛ: “Ɛhefa na wɔn Nyankopɔn no wɔ?”+
Ma yɛn ani nhunu, amanaman no mu+
Berɛ a wotɔ wo nkoa a wɔahwie wɔn mogya aguo no so werɛ no.+
11 Ma deduani apinisie nnuru w’anim.+
Gye wɔn a wɔayi wɔn ama owuo no sɛdeɛ wo basa ahoɔden teɛ.+
12 Tua wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no ka mprɛ nson gu wɔn kokom,+
Ahohora a wɔde abɔ woɔ nti, O Yehowa.+
13 Na yɛn a yɛyɛ wo man ne w’adidibea nnwan no,+
Yɛbɛda wo ase akɔsi daa;
Yɛbɛyi wo ayɛ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+