Wɔde ma Yedutan dwonkyerɛfoɔ. Asaf+ dwom. Ayeyi dwom.
77 Onyankopɔn na mɛma me nne so asu afrɛ no,+
Onyankopɔn na mɛma me nne so akyerɛ no, na ɔbɛyɛ aso ama me.+
2 Yehowa na mehwehwɛ no m’ahohia da.+
Metene me nsa anadwo, na ɛmmrɛ;
Me kra po awerɛkyekyerɛ.+
3 Mɛkae Onyankopɔn na mayɛ hagyahagya;+
Mɛdwendwene ho na me honhom atɔ piti.+ Sela.
4 Woasɔ m’ani akyi;+
Mayɛ hagyahagya, na mentumi nkasa.+
5 Masusu tete nna no ho,+
Teteete mfeɛ no.
6 Mɛkae me sankudwom anadwo;+
Mɛsusu ho m’akomam,+
Na mɛhwehwɛ nneɛma mu yie me mu.
7 Yehowa bɛkɔ so ato yɛn atwene daa?+
Na n’ani rennye yɛn ho bio anaa?+
8 N’adɔeɛ atwam kɔ koraa anaa?+
N’asɛm a waka nso, amma mu+ amma awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ anaa?
9 Enti Onyankopɔn nkae adom bio?+
Anaa n’abufuo nti watwa ne mmɔborɔhunu mu?+ Sela.
10 Anaasɛ menkɔ so nka sɛ: “Adeɛ a ɛwowɔ me mu nie,+
Ɔsorosoroni no asesa sɛdeɛ ɔde ne nsa nifa di ma yɛn no”?+
11 Mɛkae Yah nneyɛɛ;+
Ampa ara, mɛkae anwanwadeɛ a woyɛɛ no tete no.+
12 Mɛdwendwene wo nnwuma nyinaa ho,+
Na wo nneyɛɛ nso, mɛsusu ho.+
13 O Onyankopɔn, w’akwan wɔ kronkronbea hɔ.+
Onyame bɛn na ɔyɛ kɛseɛ sɛ Onyankopɔn?+
14 Wone nokorɛ Nyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ.+
Woada w’ahoɔden adi amanaman mu.+
15 Wo basa na wode agye wo man,+
Yakob ne Yosef mma no. Sela.
16 O Onyankopɔn, nsuo nyinaa ahu wo,
Nsuo nyinaa ahu wo; ɛpenepene.+
Subunu nso huru kutukutu.+
17 Mununkum atɔ nsuo bitibiti;+
Wɔte nnyegyeeɛ ɔsoro mununkum mu.
Na w’agyan nso, ɛdi akɔneaba.+
18 W’aprannaa mmobɔmu te sɛ teaseɛnam nan;+
Anyinam hyerɛn wiase;+
Asase hinhim na ɛwoso.+
19 Ɛpo mu na w’akwan da,+
Na w’anammɔn kwan da nsuo pii mu;
Obi nnim baabi a w’anammɔn wɔ.
20 Woadi wo man anim sɛ nnwankuo,+
Wonam Mose ne Aaron nsa so.+