NWOMA A ƐTƆ SO NNAN
(Nnwom 90 – 106)
Nokorɛ Nyankopɔn nipa Mose+ mpaebɔ.
90 O Yehowa, wone yɛn tenabea+
Awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+
2 Wonnya nwoo mmepɔ,+
Na wonnya nwoo asase+ ne wiase+ no,
Na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.+
3 Woma ɔdasani san dane mfuturo,+
Na woka kyerɛ wɔn sɛ: “Nnipa mma, monsan nkɔ dɔteɛ mu.”+
4 Mfeɛ apem twam w’ani so sɛ nnora yi ara,+
Na ɛte sɛ anadwo mu dɔn baako pɛ.+
5 Woapra wɔn kɔ;+ wɔte sɛ nna;+
Anɔpa, wɔte sɛ ɛserɛ mono a ɛsesã.+
6 Ɛyi nhwiren anɔpa, na ɛsesa;+
Ɛduru anwummerɛ a, ɛtwintwam na ɛwu.+
7 Yɛn awieeɛ aba, w’abufuo nti,+
Na w’abufuhyeɛ ama yɛaboto.+
8 Wode yɛn mfomsoɔ asi w’anim,+
Na wode yɛn sum ase nneyɛɛ aba w’anim hann mu.+
9 Yɛn nkwa nna nyinaa so ate, w’abufuo nti;+
Yɛawie yɛn mfeɛ die sɛ hwerɛma.+
10 Yɛn mfeɛ nna deɛ, ɛyɛ aduɔson;+
Na sɛ yɛwɔ ahoɔden paa a, na ɛduru aduɔwɔtwe,+
Nanso ɔhaw ne amanehunu nko ara na ahyɛ mu mã;+
Ɛtwam ntɛm, na yɛyera.+
11 Hwan na ɔnim sɛdeɛ w’abufuo mu yɛ den fa,+
Ne w’abufuhyeɛ, sɛdeɛ suro a ɛfata woɔ no teɛ?+
12 Kyerɛ yɛn yɛn nna kan+
Na yɛanya nyansa akoma.+
13 O Yehowa, san bra!+ Ɛnkɔsi da bɛn?+
Ma wo nkoa asɛm nyɛ wo mmɔbɔ.+
14 Ma w’adɔeɛ mmee yɛn anɔpa,+
Na yɛatumi abɔ ose na yɛato ahurisi dwom yɛn nkwa nna nyinaa.+
15 Ma yɛnni ahurisie sɛ nna dodoɔ a womaa wɔhiahiaa yɛn ho no teɛ,+
Mfeɛ a yɛhunuu amane no.+
16 Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa,+
Ne w’animuonyam, wɔn mma so.+
17 Ma Yehowa yɛn Nyankopɔn animuonyam mmra yɛn so,+
Na ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.+
Yɛn nsa ano adwuma no, ma no nyɛ yie.+